Scripture
Nnwom 59
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 59 Bible text
Hwɛ sɛnea wɔatɛw rehwehwɛ me akum me!Nnipa a wɔn ho yɛ hu bɔ pɔw bɔne tia mea emfi me mfomso anaa bɔne bi, Awurade.
Menyɛɛ mfomso bi, nanso wɔayɛ krado sɛ wɔbɛtow ahyɛ me so.Sɔre begye me; hwɛ mʼamanehunu!
Wo, Awurade Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn,ma wo ho so na twe amanaman no nyinaa aso;nhu amumɔyɛfo nkontompofo no mmɔbɔ.
Hwɛ nea wɔfe fi wɔn anom,wɔn anofafa mu nsɛm ano yɛ nnam sɛ mfoa,na wosusuw se: “Hena na ɔbɛte yɛn nka?”
me Nyankopɔn a metumi atweri no.Onyankopɔn bedi mʼanimna ɔbɛma mahwɛ wɔn a wɔbɔ me ahohora no haw.
Nanso nkum wɔn, Awurade, yɛn nkatabo,na me nkurɔfo werɛ amfi wɔn.Wo tumi mu no tutu wɔn ase,na brɛ wɔn ase.
Bɔne a efi wɔn anom,ne wɔn ano nsɛm ntima wɔn ahomaso nkyekyere wɔn.Abususɛm a wɔka ne atoro a wotwa nti,
sɛe wɔn wɔ abufuwhyew mu,kosi sɛ wɔn ase bɛtɔre.Afei ɛbɛma asase so mmaa nyinaa ahusɛ Onyankopɔn di Yakob so.
Nanso mɛto wʼahoɔden ho dwom,mɛto wʼadɔe ho dwom anɔpa;efisɛ woyɛ mʼabandennen,me guankɔbea wɔ ahohia mmere mu.
Ao mʼAhoɔden, mɛto ayeyi dwom ama wo;wo, Onyankopɔn, ne mʼabandennen, me Nyankopɔn a ɔyɛ ɔdɔ.Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛnea wɔto “Susan Edut.”