Scripture
Nnwom 5
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 5 Bible text
Nanso me, wo mmɔborɔhunu bebrebe nti,mɛba wo fi;na nidi mu na mɛkotowakyerɛ wʼasɔredan kronkron no.
Wɔn anom asɛm baako mpo nyɛ nokware;ɔsɛe ahyɛ wɔn koma ma.Wɔn menewa yɛ ɔda a so abuewɔde wɔn tɛkrɛma ka nnaadaasɛm.
Onyankopɔn, bu wɔn fɔ!Ma wɔn pɔw bɔne nyɛ wɔn asehwe.Pam wɔn; esiane wɔn bɔne dodow no nti,efisɛ wɔasɔre atia wo.
Nanso ma wɔn a woguan ba wo nkyɛn no ani nnye;ma wɔmfa anigye nto dwom daa.Trɛw wo bammɔ mu wɔ wɔn so,na wɔn a wɔdɔ wo din noma wɔn ani nnye wɔ wo mu.
Awurade, ampa ara, wuhyira atreneefo;na wode wʼayamye twa wɔn ho hyia sɛ nkatabo.Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ ɔmfa sankuhama nto wɔ Seminit nne so.