Skip to main content

Scripture

Nnwom 58

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 58 Bible text

AKCB: 1AKCB

So mo asodifo, ampa ara sɛ, moka asɛm a ɛteɛ ana?Mubu atɛntrenee wɔ nnipa mu ana?

AKCB: 2AKCB

Dabi da! Modwene ntɛnkyew wɔ mo koma muna mo nsa de akakabensɛm ba asase so.

AKCB: 3AKCB

Amumɔyɛfo fom kwan fi awo mu;wɔyɛ mmaratofo fi awotwaa mu na wodi atoro.

AKCB: 4AKCB

Wɔn ano bɔre te sɛ ɔwɔ de,ɛte sɛ ɔprammiri a wawɛn nʼaso,

AKCB: 5AKCB

a ɔnte ntafowayifo dwom,na ne dwom dɛdɛ no mpo mfa ne ho.

AKCB: 6AKCB

Ao Onyankopɔn, bubu ɛse a egu wɔn anom, Awurade, tutu gyata no sebɔmmɔfo no gu!

AKCB: 7AKCB

Ma wontwa mu nkɔ sɛ sunsuan;sɛ wɔtwe wɔn agyan a, ma wɔn bɛmma no ano nwu.

AKCB: 8AKCB

Ma wɔnyɛ sɛ nwaw horɔdɔhorɔdɔ bi a ɔrenan agu wɔ bere a ɔretene no.Ma wɔnyɛ sɛ ɔba a owu wɔ awoe a onhu owia koraa.

AKCB: 9AKCB

Ansa na mo nkuku bɛte nsɔe ano yaw,sɛ ɛyɛ amono anaa awo no, wɔbɛpra amumɔyɛfo akɔ.

AKCB: 10AKCB

Sɛ wɔtɔ were ma atreneefo a wɔn ani begye,na wɔbɛhohoro wɔn anan ho wɔ amumɔyɛfo mogya mu.

AKCB: 11AKCB

Afei nnipa bɛka se, “Ampa ara atreneefo kɔ so nya wɔn akatua;na ampa ara Onyankopɔn bi wɔ hɔ a obu wiase atɛn.”Wɔde ma dwonkyerɛfo.