Scripture
Nnwom 57
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 57 Bible text
Hu me mmɔbɔ, me Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ,na wo mu na me kra nya guankɔbea.Wo ntaban nwini ase na mɛpɛ guankɔbeakosi sɛ amanehunu no betwa mu.
Ɔsoma fi ɔsoro hɔ begye me nkwa,ɔka wɔn a wɔtaa me anibere so no anim;Onyankopɔn soma ne dɔ ne ne nokware.
Gyata atwa me ho ahyia;meda mmoa a wɔwe nam amono mu,nnipa a wɔn se te sɛ mpeaw ne mmɛmmana wɔn tɛkrɛma te sɛ afoa a ɛyɛ nnam.
Wɔtrɛw asau mu de sum mʼanan afiri,ahohiahia brɛɛ me ase.Wotuu amoa wɔ me kwan mu,nanso wɔn ankasa akɔtotɔ mu.
Ao, Onyankopɔn, wɔmma wo so mmoro ɔsoro;ma wʼanuonyam nkata asase nyinaa so.Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛnea wɔto “Mma Wɔnnsɛe No” sanku nne so.