Skip to main content

Scripture

Nnwom 56

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 56 Bible text

AKCB: 1AKCB

Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ na nnipa taa me anibere so;da mu nyinaa womia wɔn taa no mu.

AKCB: 2AKCB

Wɔn a wɔbɔ me ahohora taa me da mu nyinaa;wɔn a wɔma wɔn ho so tia me no dɔɔso.

AKCB: 3AKCB

Sɛ mebɔ hu a,mede me ho bɛto wo so.

AKCB: 4AKCB

Onyankopɔn a mekamfo nʼasɛm no,mede me ho to Onyankopɔn so, na merensuro.Dɛn na onipa desani betumi ayɛ me?

AKCB: 5AKCB

Da mu nyinaa wogye mʼano si bɔne;bere biara wɔbɔ pɔw sɛ wɔbɛsɛe me.

AKCB: 6AKCB

Wɔbɔ pɔw, wɔtetɛw,wɔhwɛ mʼanammɔntu,susuw sɛ wobekum me.

AKCB: 7AKCB

Wɔn amumɔyɛ nti mma wɔmmfa wɔn ho nni;Onyankopɔn, brɛ amanaman no ase wɔ wʼabufuw mu.

AKCB: 8AKCB

Kyerɛw me kwadwom to hɔ;sese me nusu wɔ wo nhoma mmobɔwee no mu.Enni nea woakyerɛw ato hɔ no mu ana?

AKCB: 9AKCB

Sɛ mepɛ mmoa fi wo hɔ a,mʼatamfo bɛsan wɔn akyi.Eyi bɛma mahu sɛ Onyankopɔn wɔ mʼafa.

AKCB: 10AKCB

Onyankopɔn a mekamfo nʼasɛm no, Awurade a mekamfo nʼasɛm no,

AKCB: 11AKCB

mede me ho to Onyankopɔn so; na merensuro.Dɛn na ɔdesani betumi ayɛ me?

AKCB: 12AKCB

Me Onyankopɔn, mehyɛ bɔ a mahyɛ wo no ase,mede mʼaseda afɔre bɛbrɛ wo.

AKCB: 13AKCB

Efisɛ, woagye me afi owu mu,na mʼanan anhintiw,na matumi anantew Onyankopɔn animwɔ nkwa hann no mu.Wɔde ma dwonkyerɛfo no. Wɔto no sɛnea wɔto “Mma Wɔnnsɛe No” nne so.