Skip to main content

Scripture

Nnwom 55

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 55 Bible text

AKCB: 1AKCB

Ao Onyankopɔn, tie me mpaebɔ,mmu wʼani ngu me nkotosrɛ so,

AKCB: 2AKCB

tie me na gye me so.Me dadwen haw me na ama mayɛ basaa,

AKCB: 3AKCB

esiane nea me tamfo reka,esiane omumɔyɛfo ahunahuna nti;efisɛ wɔde amanehunu ba me so;na wofi wɔn abufuw mu kum me.

AKCB: 4AKCB

Me koma wɔ ahoyeraw mu;na owu huboa aba me so.

AKCB: 5AKCB

Ehu ne ahopopo akyekyere me.Ahodwiriw abu afa me so.

AKCB: 6AKCB

Mekae se, “Ao, sɛ mewɔ ntaban sɛ aburuburu a,anka metu akɔ ama me ho atɔ me,

AKCB: 7AKCB

anka metu akɔ akyirikyiriakɔtena sare so;

AKCB: 8AKCB

anka mɛyɛ ntɛm akɔ me hintabea,faako a mframahweam ne ahum mmɛn koraa.”

AKCB: 9AKCB

Awurade, ma amumɔyɛfo nyɛ basaa, na ma wɔn kasa ntoto,efisɛ mihu basabasayɛ ne aperepere wɔ kuropɔn no mu.

AKCB: 10AKCB

Awia ne anadwo wɔtetɛw nʼafasu ho;adwemmɔne ne asisi wɔ mu.

AKCB: 11AKCB

Adesɛefo dɔm reyɛ adwuma wɔ kuropɔn no mu.Ahunahuna ne nnaadaa wɔ ne mmɔnten so daa.

AKCB: 12AKCB

Sɛ ɛyɛɛ ɔtamfo na ɔresopa me a,anka metumi agyina ano;sɛ ɛyɛɛ ɔtamfo na ɔrema ne ho so atia me a,anka metumi de me ho ahintaw no.

AKCB: 13AKCB

Nanso ɛyɛ wo, ɔdesani te sɛ me,me yɔnko, mʼadamfo kann,

AKCB: 14AKCB

a kan no na me ne no wɔ ayɔnkofa a mu yɛ denbere a yɛn nyinaa bɔɔ mu yuu kɔɔ Onyankopɔn fi na yɛka asomfo no ho no.

AKCB: 15AKCB

Ma owu mmɛfa mʼatamfo mpofirim;ma wɔnkɔ ɔda mu anikann,efisɛ bɔne te wɔn mu.

AKCB: 16AKCB

Nanso misu frɛ Onyankopɔn,na Awurade gye me nkwa.

AKCB: 17AKCB

Anwummere, anɔpa ne awia,mede mmɔborɔnne su frɛ no,na ɔte me nne.

AKCB: 18AKCB

Ɔde ne ho bɔ afɔre ma minya me ti didi muwɔ ako a wodi tia me no mu,mpo dodow na wɔsɔre tia me.

AKCB: 19AKCB

Onyankopɔn a wɔasi no hene afebɔɔ no,ɔbɛte wɔn nka na wahaw wɔn,ɔbɛhaw nnipa a wɔnsakra wɔn akwan dana wonsuro Onyankopɔn nso.

AKCB: 20AKCB

Me yɔnko tow hyɛ ne nnamfonom so;na obu nʼapam so.

AKCB: 21AKCB

Ɔwɔ tɛkrɛmawo,nanso ɔtan wɔ ne koma mu.Nʼano asɛm dwudwo sen ngo,nanso ɛyɛ afoa a wɔatwe.

AKCB: 22AKCB

Fa wo haw to Awurade sona ɔno na obegye wo;ɔremma ɔtreneeni nhwe ase.

AKCB: 23AKCB

Nanso wo, Onyankopɔn, wobɛbrɛ amumɔyɛfo aseama wɔakɔ ɔporɔw amoa mu;mogyapɛfo ne nnaadaaforenni wɔn nkwanna mu fa.Nanso me de, mede me ho to wo so.Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛnea wɔto “Aburuburu a osi Akyirikyiri Odum so,” nne so.