Skip to main content

Scripture

Nnwom 54

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 54 Bible text

AKCB: 1AKCB

Ao, Onyankopɔn, gye me wɔ wo din mu;fa wo tumi bu me bem.

AKCB: 2AKCB

Ao, Onyankopɔn, tie me mpaebɔ;tie mʼanom nsɛm.

AKCB: 3AKCB

Ahɔho retow ahyɛ me so.Atirimɔdenfo rehwehwɛ me akum me;nnipa a wɔmmfa Onyankopɔn nyɛ hwee.

AKCB: 4AKCB

Ampa ara, Onyankopɔn ne me boafo;Awurade ne me hwɛfo.

AKCB: 5AKCB

Ma mmusu nkyim mmra wɔn a wodi me ho nseku no so;wo nokwaredi mu, sɛe wɔn.

AKCB: 6AKCB

Mefi me pɛ mu abɔ afɔre ama wo; Awurade, meyi wo din ayɛ,efisɛ eye.

AKCB: 7AKCB

Woagye me afi me haw nyinaa mu,na mʼani ahu nkonimdi wɔ mʼatamfo so.Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde sanku na ɛto.