Skip to main content

Scripture

Nnwom 53

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 53 Bible text

AKCB: 1AKCB

Ɔkwasea ka wɔ ne koma mu se,“Onyankopɔn bi nni hɔ.”Porɔwee adi wɔn, na wɔn akwan yɛ animguase.Obiara nni hɔ a ɔyɛ ade pa.

AKCB: 2AKCB

Onyankopɔn fi ɔsoro hwɛ adesamma wɔ famsɛ obehu wɔn mu bi awɔwɔ ntease,anaa ebinom a wɔhwehwɛ Onyankopɔn.

AKCB: 3AKCB

Nanso nnipa nyinaa atwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho;wɔn nyinaa ayɛ bɔne.Obiara nni hɔ a ɔyɛ papa.Ɔbaako mpo nni hɔ.

AKCB: 4AKCB

Enti abɔnefo rensua nyansa ana?Wɔwe me nkurɔfo sɛnea nnipa di aduan.Wonnsu mfrɛ Onyankopɔn.

AKCB: 5AKCB

Wɔn na wɔwɔ hɔ a wɔabɔ huboawɔ faako a ehu nni.Onyankopɔn hwetee wɔn a wɔtow hyɛɛ wo so no nnompe mu;wuguu wɔn anim ase, efisɛ Onyankopɔn buu wɔn animtiaa.

AKCB: 6AKCB

Ao, Israel nkwagye mfi Sion mmra! Awurade bɛsan de ne nkurɔfo agyapade ama wɔn.Na Yakob adi ahurusi, na Israel ani agye!Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔbɔ no sanku so.