Skip to main content

Scripture

Nnwom 52

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 52 Bible text

AKCB: 1AKCB

Ɔkɛse, adɛn nti na wohoahoa wo ho wɔ wo bɔne ho?Adɛn nti na wohoahoa wo ho da mu nyinaa,wo a woyɛ animguasede wɔ Onyankopɔn ani so?

AKCB: 2AKCB

Wo tɛkrɛma bɔ ɔsɛe ho pɔw;ɛte sɛ oyiwan a ano yɛ nam yiye.Wo a wutwa nkontompo nko ara.

AKCB: 3AKCB

Wʼani gye bɔne ho sen papa,wopɛ atoro sen sɛ wobɛka nokware.

AKCB: 4AKCB

Wodɔ asɛm biara a ɛde ɔhaw ba,wo tɛkrɛma daadaafo!

AKCB: 5AKCB

Ampa ara Onyankopɔn de ɔsɛe a enni awiei bɛbrɛ wo;ɔbɛtwe wo afi wo ntamadan mu na watetew wo mu;Ɔbɛtɔre wʼase wɔ ateasefo asase so.

AKCB: 6AKCB

Atreneefo behu eyi na wɔasuro;wɔbɛserew no na wɔaka se,

AKCB: 7AKCB

“Hwɛ, onipa no ni,nea wamfa Onyankopɔn anyɛ nʼabandennenna mmom ɔde ne ho too nʼahonya dodow so,na onyaa ahoɔden de sɛee afoforo no!”

AKCB: 8AKCB

Nanso mete sɛ ngodua aɛrenyin wɔ Onyankopɔn fi:mede me ho to Onyankopɔn dɔ a ɛnsa da no sodaa nyinaa.

AKCB: 9AKCB

Meyi wo ayɛ daa wɔ nea woayɛ nti;wo din so na mʼani bɛda, efisɛ eye.Meyi wo ayɛ wɔ wʼahotefo anim.Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde “mahalat” sanku nne na ɛto.