Skip to main content

Scripture

Nnwom 51

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 51 Bible text

AKCB: 1AKCB

Ao, Onyankopɔn hu me mmɔbɔ,sɛnea wʼadɔe a ɛnsa da no te;wʼahummɔbɔ kɛse no nti,pepa me mmarato.

AKCB: 2AKCB

Hohoro mʼamumɔyɛ nyinaana tew me ho fi me bɔne mu!

AKCB: 3AKCB

Na mahu me mmarato,na mekae me bɔne daa.

AKCB: 4AKCB

Mayɛ mfomso atia wo; atia wo nko arana mayɛ nea ɛyɛ bɔne wɔ wʼani so,enti wudi bem wɔ wʼatemmu muna woteɛ wɔ wʼatemmu mu.

AKCB: 5AKCB

Ampa ara wɔwoo me wɔ bɔne mu,na bɔne mu na me na nyinsɛn me.

AKCB: 6AKCB

Ampa ara nokware na wohwehwɛ wɔ me mu.Wokyerɛ me nyansa a mu dɔ.

AKCB: 7AKCB

Fa adwerɛ hohoro me ho, na me ho afi;guare me, na mɛhoa asen sukyerɛmma.

AKCB: 8AKCB

Ma mente ahosɛpɛw ne anigye nka;na ma nnompe a woabubu no nni ahurusi.

AKCB: 9AKCB

Kata wʼani wɔ me bɔne hona pepa mʼamumɔyɛ nyinaa.

AKCB: 10AKCB

Ao, Onyankopɔn, bɔ koma a mu tew wɔ me mu,na yɛ honhom a atim no foforo wɔ me mu.

AKCB: 11AKCB

Mpam me mfi wʼanim,na nyi wo Honhom Kronkron mfi me mu.

AKCB: 12AKCB

Fa wo nkwagye mu anigye no ma me bio,na ma me ɔpɛ honhom a ɛbɛma magyina.

AKCB: 13AKCB

Afei mɛkyerɛ nnebɔneyɛfo wʼakwan,na amumɔyɛfo bɛsan aba wo nkyɛn.

AKCB: 14AKCB

Ao, Onyankopɔn, gye me fi mogya ho afɔdi mu.Onyame a wugye me nkwa,na me tɛkrɛma bɛto wo trenee ho dwom.

AKCB: 15AKCB

Awurade, bue mʼano fafa,na mede mʼano bɛpae mu aka wʼayeyi.

AKCB: 16AKCB

Wompɛ afɔrebɔ, anka mɛbɔ;wʼani nnye ɔhyew afɔre ho.

AKCB: 17AKCB

Onyankopɔn afɔre yɛ honhom a abotow,Onyankopɔn,worempo ahonu ne ahobrɛase koma.

AKCB: 18AKCB

Ma ɛnyɛ wo fɛ sɛ wobɛma Sion anya nkɔso wɔ wʼanigye mu;na woasi Yerusalem afasu.

AKCB: 19AKCB

Afei wʼani begye ɔtreneeni afɔrebɔ ho,ɔhyew afɔre a edi mu;na wɔde anantwinini bɛbɔ afɔre wʼafɔremuka so.Wɔde ma dwonkyerɛfo.