Scripture
Nnwom 50
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 50 Bible text
Yɛn Nyankopɔn reba nanso ɔrenyɛ komm;ogya a ɛhyew nneɛma di nʼanim,ahum a ɛretu atwa ne ho ahyia.
Ɔka se, “Boaboa nnipa a wɔatew wɔn ho no ano ma me;wɔn a wɔnam afɔrebɔ so ne me yɛɛ apam no.”
“Muntie, me nkurɔfo, na mɛkasa,medi adanse atia wo, Israel;Mene Onyankopɔn, wo Nyankopɔn no.
Nanso amumɔyɛfo de, Onyankopɔn bisa wɔn se,“Adɛn nti na moka me mmarana mʼapam da mo ano?
Moayɛ eyinom nyinaa; nanso manka hwee,enti mususuw sɛ mete sɛ mo.Nanso mɛka mo anim,na mede mo sobo asi mo anim.
“Munnwen eyi ho, mo a mo werɛ fi Onyankopɔn,anyɛ saa a, mɛtetew mo mu nketenkete a obiara remmegye mo;
Nea ɔbɔ aseda afɔre no hyɛ me anuonyam,na osiesie kwansɛnea mɛda Onyankopɔn nkwagye adi akyerɛ no.”Wɔde ma dwonkyerɛfo.