Scripture
Nnwom 49
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 49 Bible text
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ misuro, bere a nna bɔne aba,bere a amumɔyɛfo nnaadaafo atwa me ho ahyia,
Obiara nim pefee sɛ anyansafo wu;saa ara na nkwaseafo ne agyimifo nso wu,na wogyaw wɔn ahonya hɔ ma afoforo.
Wɔn nna bɛyɛ wɔn afi afebɔɔ,wɔn atenae wɔ awo ntoatoaso bere a enni awiei mu,ɛmfa ho sɛ wɔde wɔn din atoto nsase so.
Wɔte sɛ nguan, na wɔbɛkɔ ɔda mu,na owu de wɔn bɛyɛ nʼaduan.Atreneefo bedi wɔn so anɔpa;wɔn nipadua bɛporɔw wɔ ɔda mu,na wɔne wɔn adan akɛse no ntam akwan bɛware.