Skip to main content

Scripture

Nnwom 4

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 4 Bible text

AKCB: 1AKCB

Sɛ misu frɛ wo a, gye me so,me trenee Nyankopɔn.Ma me ɔhome wɔ mʼahohia mu;hu me mmɔbɔ na tie me mpaebɔ.

AKCB: 2AKCB

Enkosi da bɛn na mobɛdan mʼanuonyam ahohora?Enkosi da bɛn na mobɛdɔ nneɛma hunu na moadi ahoni ahuhuw akyi?

AKCB: 3AKCB

Hu sɛ Awurade ayi nea ɔwɔ nyamesu ama ne ho; Awurade betie, sɛ misu mefrɛ no a.

AKCB: 4AKCB

Sɛ mo bo fuw a, monnyɛ bɔne;sɛ modeda mo mpa so a,monyɛ komm na monhwehwɛ mo koma mu.

AKCB: 5AKCB

Mommɔ afɔre a ɛfatana momfa mo werɛ nhyɛ Awurade mu.

AKCB: 6AKCB

Nnipa bebree bisa se:“Hena na ɔde yiyeyɛ bɛbrɛ yɛn?” Awurade, ma wʼanim hann no nhyerɛn yɛn so.

AKCB: 7AKCB

Fa anigye mmoroso hyɛ me koma mabere a wɔn aburow ne nsa foforo abu so no.

AKCB: 8AKCB

Mɛtɔ hɔ, na mada asomdwoe mu,efisɛ wo nko ara, Awurade,na woma metena dwoodwoo.Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔmfa atɛntɛbɛn nto.