Scripture
Nnwom 45
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 45 Bible text
Botae bi a edi mu akanyan me komabere a merebɔ ɔhene mmran no;me tɛkrɛma yɛ ɔkyerɛwfo kunini bi kyerɛwdua.
Wudi mu koraa wɔ mmarima muna wɔde adom bi asra wʼano,esiane sɛ Onyankopɔn ahyira wo afebɔɔ no nti.
Fa wo kɛseyɛ mu kɔ wʼanim nkonimdi sowɔ nokware, ahobrɛase ne trenee mu;ma wo nsa nifa nna wo nnwuma a ɛyɛ nwonwa no adi.
Wodɔ trenee na wukyi bɔne.Ɛno nti Onyankopɔn, wo Nyankopɔn de wo asi wo mfɛfo so,na ɔde anigye ngo asra wo.
Kurobow, pɛprɛ ne bɛwewonua hua agye wo batakari mu nyinaa;sanku so nnwom a efi ahemfi a wɔde asonse asiesie ho muma wʼani gye.
Ahemfo mmabea ka wo mmea atitiriw ho;wo nsa nifa so na ayeforo dehye a ɔhyɛ Ofir sikakɔkɔɔ gyina.
Ɔhyɛ ntade a wɔadi mu adwinni na wɔde no kɔma ɔhene;ne mfɛfo mmabun di nʼakyina wɔde wɔn nyinaa brɛ wo.
Mɛma wɔakae wo wɔ awo ntoatoaso nyinaa mu;ɛno nti amanaman bɛkamfo wo daa nyinaa.Wɔde ma dwonkyerɛfo.