Scripture
Nnwom 44
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 44 Bible text
Ao, Onyankopɔn, yɛde yɛn aso ate;yɛn agyanom aka akyerɛ yɛn;nea woyɛɛ wɔ wɔn bere so,wɔ tete mmere no mu.
Wode wo nsa pam amanaman nona wobɔɔ yɛn agyanom atenase;wodwerɛw nnipa nona womaa yɛn agyanom dii yiye.
Ɛnyɛ wɔn afoa na wɔde nyaa asase no,na ɛnyɛ wɔn nsa na ɛmaa wɔn nkonimdi;ɛyɛ wo nsa nifa, wo basa,ne wʼanim hann, efisɛ na wodɔ wɔn.
Woayɛ yɛn ahohorade ama yɛn afipamfo,animtiaabude ne aserewde ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia.
esiane wɔn a wɔbɔ me ahohora na wɔkasa tia me de yi me ahi,esiane ɔtamfo a nʼani abere sɛ ɔbɛtɔ were no nti.
Sɔre bɛboa yɛn;wʼadɔe a ɛnsa da no nti, gye yɛn.Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde “lilie” sanku dwontobea na ɛtoe.