Skip to main content

Scripture

Nnwom 46

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 46 Bible text

AKCB: 1AKCB

Onyankopɔn ne yɛn guankɔbea ne yɛn ahoɔden,amanehunu mu boafo a ɔwɔ hɔ bere biara.

AKCB: 2AKCB

Enti sɛ asase ani dan butuw,na mmepɔw tutu kogu po ase a, yɛrensuro,

AKCB: 3AKCB

sɛ po bɔ asorɔkye na ehuruna ɛma nkoko wosow mpo a, yɛrensuro.

AKCB: 4AKCB

Asuten bi wɔ hɔ ane nsuwansuwa de anigye ba Onyankopɔn kuropɔn mu,beae kronkron a Ɔsorosoroni no te.

AKCB: 5AKCB

Onyankopɔn te kuropɔn no mu, na ɔrenhwe ase;Onyankopɔn bɛboa no anɔpahema.

AKCB: 6AKCB

Amanaman yɛ hoo, na ahenni hwehwe ase;ɔma ne nne so ma asase nan.

AKCB: 7AKCB

Asafo Awurade ka yɛn ho.Yakob Nyankopɔn yɛ yɛn aban.

AKCB: 8AKCB

Bra bɛhwɛ Awurade nnwuma,ɔsɛe a ɔde aba asase no so.

AKCB: 9AKCB

Ɔma akodi gyae kosi asase ano.Obubu agyan mu na ɔsɛe peaw;ɔde ogya hyew nkatabo.

AKCB: 10AKCB

Monyɛ komm na munhu sɛ me ne Onyankopɔn;wɔbɛma me so wɔ amanaman no mu,wɔbɛma me so wɔ asase so.

AKCB: 11AKCB

Asafo Awurade ka yɛn ho;Yakob Nyankopɔn yɛ yɛn aban.Wɔde ma dwonkyerɛfo.