Skip to main content

Scripture

Nnwom 43

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 43 Bible text

AKCB: 1AKCB

Me Nyankopɔn, bu me bem,na ka mʼasɛm a etia ɔman a wonsuro wo no ma me;gye me fi nnaadaafo ne amumɔyɛfo nsam.

AKCB: 2AKCB

Woyɛ Onyankopɔn, mʼabandennen.Adɛn nti na woapo me?Adɛn nti na ɛsɛ sɛ menantenantew twa adwomʼatamfo nhyɛso nti?

AKCB: 3AKCB

Soma wo hann ne wo nokwarema wɔnkyerɛ me kwan;ma wɔmfa me mmra wo Bepɔw Kronkron no so,faako a wote no.

AKCB: 4AKCB

Afei, mɛkɔ Onyankopɔn afɔremuka anim,mʼanigye ne mʼahosɛpɛw Nyankopɔn nkyɛn.Mede sanku beyi wo ayɛ,Onyankopɔn, me Nyankopɔn.

AKCB: 5AKCB

Me kra, adɛn, na woabotow?Adɛn na woayɛ basaa wɔ me mu saa?Fa wo ho to Onyankopɔn so,na mɛkɔ so ayi no ayɛ,mʼAgyenkwa ne me Nyankopɔn.Dwom a wɔde ma dwonkyerɛfo.