Skip to main content

Scripture

Nnwom 42

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 42 Bible text

AKCB: 1AKCB

Sɛnea ɔforote pere hwehwɛ nsuwansuwa no,saa ara na me kra pere hwehwɛ wo, me Nyankopɔn.

AKCB: 2AKCB

Onyankopɔn ho sukɔm de me kra, Onyankopɔn teasefo no.Da bɛn na metumi akohyia Onyankopɔn?

AKCB: 3AKCB

Me nisu ayɛ mʼaduanawia ne anadwo,na da mu nyinaa nnipa bisa me se:“Wo Nyankopɔn wɔ he?”

AKCB: 4AKCB

Saa nneɛma yi na mekaebere a mereka me koma mu nsɛm;sɛnea na midi asafokuw anim,na yɛde anigye nteɛteɛmu ne aseda nnwomnantew yuu bɔ mu kɔ Onyankopɔn fiwɔ afahyɛ da no.

AKCB: 5AKCB

Me kra, adɛn, na woabotow?Adɛn na woayɛ basaa wɔ me mu saa?Fa wo ho to Onyankopɔn so,na mɛkɔ so ayi no ayɛ,mʼAgyenkwa ne me Nyankopɔn.

AKCB: 6AKCB

Me kra abotow wɔ me mu,enti mɛkae wofi Yordan asase so,Hermon mmepɔw so, fi Bepɔw Misar so.

AKCB: 7AKCB

Ebun kɔ bun muwɔ wo nsu a ɛworo gu no nnyigyei mu;wʼasorɔkye nyinaaabu afa me so.

AKCB: 8AKCB

Adekyee mu, Awurade kyerɛ nʼadɔe,adesae mu, ne dwom ba me nkyɛn,mpae a mebɔ srɛ me nkwa Nyankopɔn.

AKCB: 9AKCB

Mibisa Onyankopɔn, me Botan no se,“Adɛn nti na wo werɛ afi me?Adɛn nti na ɛsɛ sɛ menantenantew twa adwo,mʼatamfo nhyɛso nti?”

AKCB: 10AKCB

Me nnompe te ɔdesani yawdi,mʼahohiahiafo ateetee nti,daa nyinaa wobisa me se,“Wo Nyankopɔn wɔ he?”

AKCB: 11AKCB

Me kra, adɛn, na woabotow?Adɛn na woayɛ basaa wɔ me mu saa?Fa wo ho to Onyankopɔn so,na mɛkɔ so ayi no ayɛ,mʼAgyenkwa ne me Nyankopɔn.