Skip to main content

Scripture

Nnwom 39

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 39 Bible text

AKCB: 1AKCB

Mekae se, “Mɛhwɛ mʼakwan yiyena mamfa me tɛkrɛma anyɛ bɔne;mɛto mʼano nnarekabere a amumɔyɛfo bɛn me yi.

AKCB: 2AKCB

Enti meyɛɛ komma manka asɛm papa biara mponanso mʼapinisi mu yɛɛ den.

AKCB: 3AKCB

Me koma ho guan no wɔ me mu.Midwinnwen no, ogya dɛwee;afei mede me tɛkrɛma kasae se:

AKCB: 4AKCB

“Awurade, ma minhu me nkwa awieine me nna dodow;ma minhu sɛnea me nkwa si twa mu ntɛm so.

AKCB: 5AKCB

Woayɛ me nna sɛ nsateaa baako pɛ;na me mfe dodow nyɛ hwee wɔ wʼani so.Onipa nkwa yɛ ɔhome bi kɛkɛ.

AKCB: 6AKCB

Onipa redi akɔneaba nyinaa no, ɔte sɛ sunsuma bi kwa;ɔhaw ne ho nanso ɔyɛ kwa;ɔboa ahonya ano na onnim nea ɛbɛyɛ ne de.

AKCB: 7AKCB

“Afei Awurade, dɛn na merehwehwɛ?Mʼanidaso wɔ wo mu.

AKCB: 8AKCB

Gye me fi me bɔne nyinaa mu;mma mennyɛ nkwaseafo aserewde.

AKCB: 9AKCB

Meyɛɛ komm, na mammue mʼano,efisɛ wo na woayɛ eyi.

AKCB: 10AKCB

Yi wʼasotwe fi me so;wo nsa ano amanehunu amene me.

AKCB: 11AKCB

Woka nnipa anim, na wotwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho;wosɛe wɔn ahonya te sɛ nwewee;onipa biara yɛ ɔhome kɛkɛ.

AKCB: 12AKCB

“Awurade, tie me mpaebɔ,tie me sufrɛ;nsiw wʼaso wɔ me su ho.Me ne wo te hɔ sɛ ɔnanani,sɛnea na mʼagyanom nyinaa te no.

AKCB: 13AKCB

Yi wʼani fi me so na manya nkwa bio,ansa na mafi ha a mente ase bio.”Wɔde ma dwonkyerɛfo.