Skip to main content

Scripture

Nnwom 38

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 38 Bible text

AKCB: 1AKCB

Awurade, nka mʼanim wɔ wʼabufuw muna ntwe mʼaso wɔ wʼabufuwhyew mu.

AKCB: 2AKCB

Wo bɛmma hwirew me mu,na wo nsa adwerɛw me.

AKCB: 3AKCB

Wʼabufuwhyew no nti ahoɔden biara nni me mu;me bɔne nti, me nnompe ahodwow.

AKCB: 4AKCB

Mʼafɔdi amene mete sɛ adesoa a mu yɛ duru dodo.

AKCB: 5AKCB

Mʼakuru bɔn na aporɔwesiane me bɔne mu agyimisɛm nti.

AKCB: 6AKCB

Makotow na wɔabrɛ me ase;da mu nyinaa menantenantew twa agyaadwo.

AKCB: 7AKCB

Mʼakyi dompe mu yaw boro so:ahoɔden biara nni me nipadua mu.

AKCB: 8AKCB

Mabrɛ na mapɛtɛw koraa.Me koma mu yaw ma misi apini.

AKCB: 9AKCB

Awurade, nea merehwɛ anim nyinaa da wʼanim;mʼapinisi nhintaw wo.

AKCB: 10AKCB

Me koma bɔ kitirikitiri, na mʼahoɔden asampo mʼaniwa aduru sum.

AKCB: 11AKCB

Mʼapirakuru nti me nnamfonom ne me yɔnkonom mmɛn me;mʼafipamfo twe wɔn ho fi me ho.

AKCB: 12AKCB

Wɔn a wɔpɛ sɛ wokum me no sum me mfiri,wɔn a wɔpɛ sɛ wɔhaw me no di me sɛe ho nkɔmmɔda mu nyinaa wodwen nnaadaasɛm ho.

AKCB: 13AKCB

Mete sɛ ɔsotifo a ɔnte asɛm,mete sɛ mum a ontumi nkasa.

AKCB: 14AKCB

Mayɛ sɛ obi a ɔnte asɛm,nea nʼano ntumi mma mmuae.

AKCB: 15AKCB

Awurade, meretwɛn wo; Awurade me Nyankopɔn, wubegye me so.

AKCB: 16AKCB

Mekae se, “Mma wɔn ani nnye;anaa wɔmma wɔn ho so bere a mʼanan awatiri no.”

AKCB: 17AKCB

Mereyɛ mahwe ase,na me yaw da so wɔ me mu.

AKCB: 18AKCB

Meka me mfomso kyerɛ;me bɔne hyɛ me so.

AKCB: 19AKCB

Bebree na wɔyɛ mʼatamfo;wɔn a wɔtan me kwa no dɔɔso.

AKCB: 20AKCB

Wɔn a wɔde bɔne tua me papa so ka no,bɔ me ahohora bere a mereyɛ papa.

AKCB: 21AKCB

Awurade nnyaw me.Me Nyankopɔn, nkɔ akyiri!

AKCB: 22AKCB

Bra ntɛm bɛboa me, Awurade, mʼAgyenkwa.Wɔde ma dwonkyerɛfo no. Yedutun.