Skip to main content

Scripture

Nnwom 40

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 40 Bible text

AKCB: 1AKCB

Mede boasetɔ twɛn Awurade;na ɔhwɛɛ me, na ɔtee me sufrɛ.

AKCB: 2AKCB

Oyii me fii amoa a mu yɛ toro mu,fii dɔte ne dontori mu;ɔde mʼanan sii ɔbotan sona ɔmaa me baabi pa gyinae.

AKCB: 3AKCB

Ɔde dwom foforo hyɛɛ mʼanom,ayeyi dwom a yɛde ma yɛn Nyankopɔn.Bebree behu na wɔasuro,na wɔde wɔn werɛ ahyɛ Awurade mu.

AKCB: 4AKCB

Nhyira ne onipa aɔde Awurade yɛ nʼahotoso,nea ɔmfa nʼani nto ahomaso so,ne wɔn a wɔman di anyame huhuw akyi.

AKCB: 5AKCB

Awurade me Nyankopɔnwoayɛ anwonwade bebree.Nneɛma a wohyehyɛ maa yɛn noobiara ntumi nka ne nyinaa nkyerɛ wo;sɛ meka se mereka ne nyinaa ho asɛm aɛbɛdɔɔso dodo.

AKCB: 6AKCB

Wompɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛde,nanso woabue mʼaso;woampɛ ɔhyew afɔre ne bɔne afɔre.

AKCB: 7AKCB

Na mekae se, “Mini, maba,sɛnea wɔakyerɛw afa me ho wɔ nhoma mmobɔwee no mu no.

AKCB: 8AKCB

Me Nyankopɔn, mepɛ sɛ meyɛ wʼapɛde;wo mmara wɔ me koma mu.”

AKCB: 9AKCB

Meka wo trenee ho asɛm wɔ guabɔ kɛse ase;mimmua mʼano, Awurade, sɛnea wunim no.

AKCB: 10AKCB

Memmfa wo trenee ho asɛm nsie me koma mu;meka wo nokware ne wo nkwagye ho asɛm.Mankata wʼadɔe ne wo nokware sowɔ guabɔ kɛse no ase.

AKCB: 11AKCB

Awurade, nyi wʼahummɔbɔ mfi me so;ma wʼadɔe ne wo nokware mmɔ me ho ban daa.

AKCB: 12AKCB

Ɔhaw bebree atwa me ho ahyia;mʼamumɔyɛ abu afa me so enti minhu ade bio.Ɛdɔɔso sen me ti so nwi,na me koma abotow wɔ me mu.

AKCB: 13AKCB

Awurade, ma ɛnsɔ wʼani sɛ wubegye me; Awurade, bra ntɛm bɛboa me.

AKCB: 14AKCB

Wɔn a wɔpɛ sɛ wokum me no nyinaa,ma wɔn anim ngu ase na wɔnyɛ basaa;ma wɔn a wɔpɛ sɛ mesɛe nomfa aniwu nsan wɔn akyi.

AKCB: 15AKCB

Ma wɔn a wɔka, “Ɔtwea! Ɔtwea!” kyerɛ me nonsan wɔn akyi, esiane wɔn aniwu nti.

AKCB: 16AKCB

Nanso ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaansɛpɛw wɔn ho na wɔn ani nnye wɔ wo mu;ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagye no nka da biara se,“Awurade yɛ ɔkɛse!”

AKCB: 17AKCB

Nanso meyɛ ohiani ne mmɔborɔni;ma Awurade nnwen me ho.Wo ne me boafo ne me gyefo;wo ne me Nyankopɔn, bra ntɛm.Wɔde ma dwonkyerɛfo.