Skip to main content

Scripture

Nnwom 37

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 37 Bible text

AKCB: 1AKCB

Nhaw wo ho, nnebɔneyɛfo nti;mma wʼani mmmere wɔn a wɔyɛ bɔne;

AKCB: 2AKCB

Wɔte sɛ sare, ɛrenkyɛ na ahyew,wɔte sɛ dua amono, ɛrenkyɛ na awu.

AKCB: 3AKCB

Fa wo ho to Awurade so na yɛ papa.Tena asase no so na ma wʼani nka asomdwoe adidibea hɔ.

AKCB: 4AKCB

Ma wʼani nnye wɔ Awurade muna wama wo nea wo koma pɛ.

AKCB: 5AKCB

Fa wʼakwan hyɛ Awurade nsam;na fa wo ho to no so, na ɔno na ɔbɛyɛ:

AKCB: 6AKCB

ɔbɛma wo treneeyɛ ahyerɛn sɛ adekyee,na wʼatɛntrenee ayɛ sɛ owigyinae.

AKCB: 7AKCB

Yɛ komm wɔ Awurade anim na tɔ wo bo ase twɛn no,nhaw wo ho wɔ wɔn a asi wɔn yiye hoefisɛ wɔnam bɔne akwan so.

AKCB: 8AKCB

Mma wo bo mmfuw na gyae abufuwhyew;nhaw wo ho, ekowie bɔne nko ara.

AKCB: 9AKCB

Wobetwa nnebɔneyɛfo agu,nanso wɔn a wɔn ani da Awurade so nowobenya asase no adi so.

AKCB: 10AKCB

Ɛrenkyɛ, nnebɔneyɛfo bɛyera.Wɔbɛhwehwɛ wɔn, nanso wɔrenhu wɔn.

AKCB: 11AKCB

Nanso ahobrɛasefo benya asase no adi sona wɔanya asomdwoe mmoroso.

AKCB: 12AKCB

Amumɔyɛfo bɔ pɔw bɔne tia atreneefona wɔtwɛre wɔn se gu wɔn so;

AKCB: 13AKCB

nanso Awurade serew amumɔyɛfo,na onim sɛ wɔn nna abɛn.

AKCB: 14AKCB

Amumɔyɛfo twe afoana wokuntun wɔn ta musɛ wobekum ahiafo ne mmɔborɔfo,sɛ wobekum wɔn a wɔn akwan teɛ.

AKCB: 15AKCB

Nanso wɔn afoa bɛwowɔ wɔn ankasa koma mu,na wɔn ta mu abubu.

AKCB: 16AKCB

Kakra a atreneefo wɔ no som bosen amumɔyɛfo bebree ahonya;

AKCB: 17AKCB

efisɛ amumɔyɛfo ahoɔden bɛsananso Awurade bɛwowaw atreneefo.

AKCB: 18AKCB

Awurade nim wɔn a wɔn ho nni asɛm no nna,na wɔn agyapade bɛtena hɔ daa.

AKCB: 19AKCB

Ahohiahia bere mu wɔremmrɛ.Ɔkɔm bere mu wobenya ama abu so.

AKCB: 20AKCB

Nanso amumɔyɛfo bɛyera. Awurade atamfo bɛyɛ sɛ nwura mu nhwiren;wobetu ayera sɛ wusiw.

AKCB: 21AKCB

Amumɔyɛfo pɛ bosea, na wontua,nanso ɔtreneeni de ahummɔbɔ ma;

AKCB: 22AKCB

Wɔn a Awurade ahyira wɔn no benya asase no adi so,na wobetwa wɔn a ɔdome wɔn no agu.

AKCB: 23AKCB

Sɛ Awurade ani sɔ onipa akwan a,ɔma nʼanammɔntu si pi.

AKCB: 24AKCB

Sɛ ohintiw a ɔrenhwe ase,efisɛ Awurade kura no wɔ ne nsam.

AKCB: 25AKCB

Na meyɛ aberante, na mprempren mabɔ akwakoraa,na minhuu ɔtreneeni a Awurade apa nʼakyianaasɛ ne mma resrɛ aduan.

AKCB: 26AKCB

Bere biara ɔyɛ adɔe, na ɔde fɛm kwa;na ne mma benya nhyira.

AKCB: 27AKCB

Twe wo ho fi bɔne ho na yɛ papana wobɛtena asase no so afebɔɔ.

AKCB: 28AKCB

Efisɛ, Awurade pɛ nea ɛteɛ,na ɔrennyaw ne nkurɔfo anokwafo no.Wobenya bammɔ daa nyinaa.Nanso amumɔyɛfo asefo de, wobetwa wɔn agu.

AKCB: 29AKCB

Atreneefo benya asase no adi sona wɔatena so afebɔɔ.

AKCB: 30AKCB

Ɔtreneeni ano ka nyansasɛm,na ne tɛkrɛma ka nea ɛteɛ.

AKCB: 31AKCB

Ne Nyankopɔn mmara wɔ ne koma mu;wɔn anan nwatiri.

AKCB: 32AKCB

Amumɔyɛfo tetɛw atreneefohwehwɛ sɛ wobekum wɔn,

AKCB: 33AKCB

nanso Awurade nnyaa wɔn mma wɔn,na ɔremma wommu wɔn kumfɔ wɔ asennii.

AKCB: 34AKCB

Montwɛn Awuradena monhwɛ nʼakwan.Ɔbɛma mo so na moanya asase no adi so;sɛ wotwitwa amumɔyɛfo no gu a, mubehu.

AKCB: 35AKCB

Mahu omumɔyɛfo a ɔyɛ basabasasɛ ɔredi yiye sɛ dua amono a esi asase pa so,

AKCB: 36AKCB

nanso ankyɛ na nʼawiei bae a wonhu no bio;mehwehwɛɛ no, nanso manhu no.

AKCB: 37AKCB

Susuw nea ɔyɛ pɛ ho, na hwɛ nea ɔteɛ;na asomdwoe nipa benya asetena pa daakye.

AKCB: 38AKCB

Nanso wɔbɛsɛe nnebɔneyɛfo nyinaa;na wɔbɛtɔre wɔn asefo ase.

AKCB: 39AKCB

Atreneefo nkwagye fi Awuradeɔne wɔn aban wɔ amanehunu bere mu.

AKCB: 40AKCB

Awurade boa wɔn na ogye wɔn;oyi wɔn fi amumɔyɛfo nsam, na ogye wɔn nkwa,efisɛ wohintaw wɔ ne mu.