Skip to main content

Scripture

Nnwom 36

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 36 Bible text

AKCB: 1AKCB

Nkɔmhyɛ bi wɔ me koma mu a efi Onyankopɔn hɔa ɛfa omumɔyɛfo mmarato ho.Onyankopɔn suro nni wɔn ani so.

AKCB: 2AKCB

Na ɔno ankasa ani so no ɔdaadaa no ho dodo,nti ɛmma onhu ne bɔne nnyae yɛ.

AKCB: 3AKCB

Nʼanom nsɛm yɛ atirimɔden ne nnaadaa;onnim nyansa bio na wayɛ papa.

AKCB: 4AKCB

Ɔda ne mpa so mpo a ɔbɔ pɔw bɔne;na ogyaa ne ho ma bɔne kwanna ɔmpo nea enye.

AKCB: 5AKCB

Awurade, wʼadɔe du ɔsorosorowo nokwaredi du wim tɔnn.

AKCB: 6AKCB

Wo trenee te sɛ mmepɔw akɛse.Wʼatɛntrenee mu dɔ sɛ po bun.Ao Awurade, wokora nnipa ne mmoa nyinaa so.

AKCB: 7AKCB

Wʼadɔe a ɛnsa da no som bo!Nnipa mu akɛse ne nketewanya guankɔbea wɔ wo ntaban nwini ase.

AKCB: 8AKCB

Wodi nea abu so wɔ wo fi,woma wɔnom fi wʼanika asuten no mu.

AKCB: 9AKCB

Wo nkyɛn na nkwa asuti wɔ;wo hann mu na yehu hann.

AKCB: 10AKCB

Kɔ so dɔ wɔn a wonim wo,ma wo trenee ntena wɔn a wɔteɛ, koma mu.

AKCB: 11AKCB

Mma ɔhantanni nan ntia meanaa omumɔyɛfo nsa nnsunsum me.

AKCB: 12AKCB

Hwɛ sɛnea nnebɔneyɛfo ahwehwe ase,wɔdeda hɔ a wɔrentumi nsɔre bio.