Skip to main content

Scripture

Nnwom 35

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 35 Bible text

AKCB: 1AKCB

Awurade wo ne wɔn a wɔne me di asi no nni asi;ko tia wɔn a wɔko tia me.

AKCB: 2AKCB

Fa wo nkatabo ne wʼakode;na sɔre bra bɛboa me.

AKCB: 3AKCB

Twe peaw ne abonnuawɔ wɔn a wɔtaa me no so.Ka kyerɛ me kra se,“Mene wʼagyenkwa.”

AKCB: 4AKCB

Wɔn a wɔpɛ sɛ wokum me no,ma wɔn anim ngu ase;wɔn a wɔbɔ me sɛe ho pɔw no,ma wɔmfa aniwu nsan wɔn akyi.

AKCB: 5AKCB

Ma wɔnyɛ sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ guwɔn a Awurade bɔfo repam wɔn no.

AKCB: 6AKCB

Ma wɔn akwan so nnuru sum na ɛso ɛnyɛ toro,na Awurade bɔfo ntaa wɔn.

AKCB: 7AKCB

Esiane sɛ wɔde ɔtan sum me afiri kwa,na wotuu amoa maa me a menyɛɛ wɔn hwee no nti

AKCB: 8AKCB

ma ɔsɛe mmefu wɔn muna ɔtan no a wɔde hintaw no nyi wɔn,na ma wɔnhwe amoa no mu nsɛe.

AKCB: 9AKCB

Afei me kra ani begye wɔ Awurade muna wasɛpɛw ne ho wɔ ne nkwagye mu.

AKCB: 10AKCB

Me nipadua nyinaa bɛteɛ mu aka se,“Hena na ɔte sɛ wo, Awurade?Wugye ohiani fi ahoɔdenfo nsam,ne nea onni bi fi apoobɔfo nsam.”

AKCB: 11AKCB

Adansekurumfo sɔre;wobisa me nneɛma a minnim ho hwee ho asɛm.

AKCB: 12AKCB

Wɔde bɔne tua papa a meyɛ so kana wɔma me kra yɛ basaa.

AKCB: 13AKCB

Nanso bere a wɔyaree no, mifuraa atweaatamna mede akɔnkyen brɛɛ me ho ase.Bere a me mpaebɔ ho mmuae nnya mmae no,

AKCB: 14AKCB

mekɔɔ so twaa adwo,sɛnea meyɛ ma mʼadamfo anaa onuabarima.Mede awerɛhow sii me ti asete sɛ nea meregyam me na.

AKCB: 15AKCB

Nanso bere a mihintiw no wɔde anigye boaa wɔn ho ano;afowfo twaa me ho hyiae a minnim,na wodii me ho nseku a wɔantwa so da.

AKCB: 16AKCB

Wɔde adwemmɔne dii me ho fɛw te sɛ nnipa a wonni nyamesu,wɔtwɛree wɔn se guu me so.

AKCB: 17AKCB

Awurade, wobɛhwɛ wɔn akosi da bɛn?Gye me nkwa fi wɔn sɛe mu,gye me nkwa a ɛsom bo no fi saa gyata yi nsam.

AKCB: 18AKCB

Na mɛda wo ase wɔ guabɔ kɛse ase;wɔ nnipa dodow mu na mɛkamfo wo.

AKCB: 19AKCB

Mma mʼatamfo a wɔtan me kwa nonhwɛ me haw nserew.Mma wɔn a menyɛɛ wɔn hwee nanso wɔtan me nommfa adwene bɔne mmu me anikyiw.

AKCB: 20AKCB

Wɔnnkasa asomdwoe so,na mmom, wɔde ntwatosotia nnipa a wɔmpɛ wɔn ho asɛm wɔ asase yi so.

AKCB: 21AKCB

Wɔhwɛ me haw ka se, “Yiw! Yiw,yɛde yɛn ankasa ani ahu.”

AKCB: 22AKCB

Awurade, woahu na mmua wʼano.Ntwe wo ho nkɔ akyiri, Awurade.

AKCB: 23AKCB

Nyan, sɔre na bɛbɔ me ho ban!Ka bi ma me, me Nyankopɔn ne mʼAwurade.

AKCB: 24AKCB

Di mʼasɛm ma me wɔ wo trenee no mu, Awurade me Nyankopɔn;mma wɔnnhwɛ me haw nserew.

AKCB: 25AKCB

Mma wɔnnwene nka se, “Yiw, nea yɛpɛ ni!”anaa wɔnnka se, “Yɛanya no.”

AKCB: 26AKCB

Ma wɔn a wɔhwɛ me haw serew me wɔ mʼahohiahia mu nonyinaa anim ngu ase na wɔnyɛ basaa;ma wɔn a wodi me so akokurokosɛm nonhyɛ aniwu ne animguase atade.

AKCB: 27AKCB

Ma wɔn a wodi ahurusi wɔ me bembu ho nomfa anigye ne ahosɛpɛw nteɛ mubere nyinaa mu; ma wɔnka se, “Momma Awurade so,ɔno na nʼani gye ne somfo yiyedi ho.”

AKCB: 28AKCB

Me tɛkrɛma bɛka wo trenee,ne wʼayeyi, da mu nyinaa.Wɔde ma dwonkyerɛfo.