Skip to main content

Scripture

Nnwom 34

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 34 Bible text

AKCB: 1AKCB

Mede aseda bɛma Awurade bere nyinaa;nʼayeyi wɔ mʼanom daa.

AKCB: 2AKCB

Me kra bɛhoahoa ne ho wɔ Awurade mu;ma amanehunufo nte na wonni ahurusi.

AKCB: 3AKCB

Mo ne me nkamfo Awurade;momma yɛmmɔ mu nkamfo ne din!

AKCB: 4AKCB

Mefrɛɛ Awurade na ogyee me so;na ogyee me wɔ nea misuro nyinaa mu.

AKCB: 5AKCB

Wɔn a wɔhwɛ nʼanim no hyerɛnna wɔn anim rengu ase da.

AKCB: 6AKCB

Ohiani yi frɛe, na Awurade tiee no;na ogyee no fii nʼahohia nyinaa mu.

AKCB: 7AKCB

Awurade bɔfo wɛn wɔn a wosuro no,na ogye wɔn.

AKCB: 8AKCB

Monka nhwɛ na munhu sɛ Awurade ye.Nhyira ne onipa a oguan toa no.

AKCB: 9AKCB

Munsuro Awurade, mo a moyɛ nʼahotefo,na wɔn a wosuro no no nhia hwee.

AKCB: 10AKCB

Gyata yɛ mmerɛw na ɔkɔm de wɔn,nanso wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no, ade pa biara remmɔ wɔn.

AKCB: 11AKCB

Mommra, me mma, monyɛ aso mma me;mɛkyerɛkyerɛ mo Awurade ho suro.

AKCB: 12AKCB

Mo mu hena na ɔpɛ nkwana ɔpɛ sɛ ohu nna pa bebree?

AKCB: 13AKCB

Ɛne ɛnsɛ sɛ ɔka kasa bɔne, na ɛsɛ sɛ ogyae atorotwa.

AKCB: 14AKCB

Twe wo ho fi bɔne ho, na yɛ papa;hwehwɛ asomdwoe na tiw no.

AKCB: 15AKCB

Awurade ani wɔ atreneefo sona otie wɔn mpaebɔ;

AKCB: 16AKCB

Awurade ani sa wɔn a wɔyɛ bɔne,sɛ obeyi wɔn nkae afi asase yi so.

AKCB: 17AKCB

Atreneefo teɛ mu su, na Awurade tie wɔn;oyi wɔn fi wɔn haw nyinaa mu.

AKCB: 18AKCB

Awurade bɛn wɔn a wɔn koma abotowna ogye wɔn a wɔadwerɛw wɔn wɔ honhom mu no nkwa.

AKCB: 19AKCB

Onipa trenee behu amane bebreenanso Awurade gye no fi ne nyinaa mu;

AKCB: 20AKCB

ɔbɔ ne nnompe nyinaa ho ban,sɛnea mu baako mpo mu remmu.

AKCB: 21AKCB

Bɔne bekum ɔdebɔneyɛni;ɔtreneeni atamfo benya afɔbu.

AKCB: 22AKCB

Awurade gye nʼasomfo nkwa;wɔn a woguan toa no no mu biara renkɔ afɔbu mu.