Skip to main content

Scripture

Nnwom 33

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 33 Bible text

AKCB: 1AKCB

Momfa ahurusi nto dwom mma Awurade, mo atreneefo,ɛfata sɛ wɔn a wɔteɛ no yi no ayɛ.

AKCB: 2AKCB

Momfa sanku nkamfo Awurade;monto dwom mma no wɔ sankuten so.

AKCB: 3AKCB

Monto dwom foforo mma no.Momfa nimdeɛ mmɔ sanku no na monteɛ mu ahurusi so!

AKCB: 4AKCB

Awurade asɛm teɛ na ɛyɛ nokwareodi nokware wɔ nea ɔyɛ nyinaa mu.

AKCB: 5AKCB

Awurade dɔ treneeyɛ ne atɛntrenee.Nʼadɔe a ɛnsa da no ahyɛ asase so ma.

AKCB: 6AKCB

Awurade asɛm so na wɔnam yɛɛ ɔsorosoro,nʼanom home so na wɔnam yɛɛ ɔsoro asafo.

AKCB: 7AKCB

Ɔka po nsu boa ano kuw;na ɔde bun sie nea hɔ dɔ.

AKCB: 8AKCB

Momma asase sofo nyinaa nsuro Awurade;na wiasefo nyinaa mfa nidi mma no.

AKCB: 9AKCB

Ɔno na ɔkasa ma ɛbaa muna ɔhyɛ ma egyinaa pintinn.

AKCB: 10AKCB

Awurade sɛe amanaman no nhyehyɛe;ɔma adesamma nsusuwii yɛ ɔkwa.

AKCB: 11AKCB

Nanso Awurade nhyehyɛe tim hɔ daa,ne koma mu botae wɔ hɔ ma awo ntoatoaso.

AKCB: 12AKCB

Nhyira ne ɔman a ne Nyankopɔn ne Awurade,nnipa a oyii wɔn sɛ nʼagyapade no.

AKCB: 13AKCB

Awurade hwɛ adesamma nyinaa fi ɔsoro.

AKCB: 14AKCB

Ofi nʼatenae hwɛ wɔn a wɔte asase so nyinaa.

AKCB: 15AKCB

Ɔno ne nea ɔbɔɔ wɔn nyinaa koma,na osusuw nea wɔyɛ nyinaa ho.

AKCB: 16AKCB

Ɛnyɛ ɔhene asraafo dɔm kɛse na ebegye no;ɔkofo biara nni hɔ a ofi nʼahoɔden mu guan.

AKCB: 17AKCB

Ɔpɔnkɔ mu ahotoso yɛ ɔkwa wɔ nkwagye mu;nʼahoɔden nyinaa akyi no, ɔrentumi nnye nkwa.

AKCB: 18AKCB

Nanso Awurade ani wɔ wɔn a wosuro no no so,wɔn a wɔwɔ anidaso wɔ ne dɔ a ɛnsa da no mu,

AKCB: 19AKCB

sɛ obegye wɔn afi owu muna wama wɔatena nkwa mu wɔ ɔkɔm bere mu.

AKCB: 20AKCB

Yɛde anidaso twɛn Awurade;ɔyɛ yɛn boafo ne yɛn nkatabo.

AKCB: 21AKCB

Ne mu na yɛn koma di ahurusi,efisɛ yɛde yɛn ho to ne din kronkron no so.

AKCB: 22AKCB

Ma wʼadɔe a ɛnsa da no ntena yɛn so, Awurade,sɛnea anidaso a yɛwɔ wɔ mu no te.