Scripture
Nnwom 32
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 32 Bible text
Afei, migyee me bɔne too mu.Mankata mʼamumɔyɛ so.Mekae se, “Mɛkame bɔne akyerɛ Awurade,”na wode me bɔne ho afɔdi kyɛɛ me.
Enti, ma agyidifo nyinaa mmɔ wo mpaebere a wohu wo;ampa ara sɛ asu akɛse yiri a,ɛrenka no.
Ɛnyɛ sɛ ɔpɔnkɔ anaa afurumpɔnkɔ aonni ntease ntiwɔde nnareka ne hama na ɛdannan no,sɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛba wo nkyɛn.
Omumɔyɛfo amanehunu dɔɔso,nanso Awurade adɔe a ɛnsa da notwa onipa a ɔde ne ho to no so no ho hyia.
Munni ahurusi na mo ani nnye wɔ Awurade mu, mo atreneefo;monto dwom, mo a mo koma mu tew.