Skip to main content

Scripture

Nnwom 31

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 31 Bible text

AKCB: 1AKCB

Wo mu, Awurade na manya guankɔbea;mma mʼanim ngu ase;fi wo trenee mu gye me.

AKCB: 2AKCB

Yɛ aso ma me,bra ntɛm begye me;yɛ me bammɔ botan,aban a mʼatamfo nsa renka me.

AKCB: 3AKCB

Sɛ woyɛ me botan ne mʼaban nti,wo din nti di mʼanim na kyerɛ me kwan.

AKCB: 4AKCB

Gye me fi afiri a wɔasum me no mu,efisɛ wo ne me guankɔbea.

AKCB: 5AKCB

Wo nsam na mede me kra hyɛ;gye me bio, Awurade, Onyankopɔn nokwafo.

AKCB: 6AKCB

Mikyi wɔn a wɔsom abosom huhuw;mede me ho to Awurade so.

AKCB: 7AKCB

Mʼani begye na madi ahurusi wɔ wo dɔ mu,efisɛ wuhu mʼamanehunu,na wunim me kra mu haw.

AKCB: 8AKCB

Womfaa me nhyɛɛ ɔtamfo no nsammom wode me nan asisi petee mu.

AKCB: 9AKCB

Hu me mmɔbɔ, Awurade, efisɛ me ho yeraw me;awerɛhow ama mʼani so ayɛ kusuuɔyaw ama me kra ne me honam ayɛ mmerɛw.

AKCB: 10AKCB

Ɔyawdi retew me nkwa so,na abooboo tew me mfe so;ɔhaw nti mʼahoɔden kɔ fam,na me nnompe nso ahodwow.

AKCB: 11AKCB

Mʼatamfo nyinaa nti,mayɛ ahohora wɔ me nnamfonom mu;nnipa a wonim me suro me,na wɔn a wohu me mmɔnten so guan.

AKCB: 12AKCB

Obiara werɛ afi me te sɛ nea mawu;mayɛ sɛ kuku a abɔ.

AKCB: 13AKCB

Mete asomsɛm dodow a wɔkaahunahuna atwa me ho ahyia.Wɔrepam me ti so,na wɔbɔ pɔw sɛ wobekum me.

AKCB: 14AKCB

Nanso mede me ho ato wo so, Awurade;meka se, “Woyɛ me Nyankopɔn.”

AKCB: 15AKCB

Me mmere wɔ wo nsamgye me fi mʼatamfone wɔn a wɔtaa me no nsam.

AKCB: 16AKCB

Tew wʼanim kyerɛ wo somfo;gye me wɔ wo dɔ a enni huammɔ no mu.

AKCB: 17AKCB

Mma mʼanim ngu ase, Awurade,efisɛ masu afrɛ wo;mmom, ma amumɔyɛfo anim ngu asena wɔnna wɔn nna mu komm.

AKCB: 18AKCB

Mua atorofo ano,efisɛ wɔde ahantan ne animtiaabukasa tia atreneefo.

AKCB: 19AKCB

Wo papayɛ dɔɔso,ɛno na woakora ama wɔn a wosuro wo noɛno na wode ma wɔn a woguan toa wo nowɔ nnipa anim.

AKCB: 20AKCB

Wode wɔn sie wʼanim bammɔ mufi nnipa nsusuwii bɔne ho;wo tenabea hɔ na wode wɔn sie dwoodwoofi tɛkrɛma a ɛbɔ sobo ho.

AKCB: 21AKCB

Ayeyi nka Awurade!Sɛ wayi ne dɔ nwonwaso akyerɛ mebere a na mewɔ kuropɔn a atamfo atwa ho ahyia no mu no.

AKCB: 22AKCB

Mebɔɔ huboa no mekae se:“Woayi wʼani afi me so!”Nanso wotee me mmɔborɔsubere a mekotow srɛɛ wo no.

AKCB: 23AKCB

Monnɔ Awurade mo a moyɛ nʼahotewfo nyinaa! Awurade kora wɔn a wodi nokware so,na ahomasofo de, otua wɔn ka pɛpɛɛpɛ.

AKCB: 24AKCB

Monyɛ den na momma mo bo ntɔ mo yam,mo a mowɔ anidaso wɔ Awurade mu nyinaa.