Scripture
Nnwom 28
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 28 Bible text
Wo na misu frɛ wo, Awurade me Botan;nsiw wʼaso wɔ me ho.Sɛ woyɛ komm a,mɛyɛ sɛ wɔn a wɔasian kɔ amoa mu no.
Tie me mmɔborɔsubere a mefrɛ wo apɛ mmoa,bere a mema me nsa sokyerɛ wo Tenabea Kronkron hɔ.
Mfa me mfra amumɔyɛfo mu ntwe me nkɔ,mfa me nka wɔn a wɔyɛ bɔne no ho.Wɔne wɔn yɔnkonom kasa fɛfɛ,nanso wɔde ɔtan sie wɔn koma mu.
Twe wɔn aso wɔ nea wɔayɛ no so;wɔn adwuma bɔne no so;tua nea wɔde wɔn nsa ayɛ so kana fa nea ɛfata wɔn san bra wɔn so.
Sɛ wommu nea Awurade ayɛne nea ɔde ne nsa ayɛ no ntiɔbɛbrɛ wɔn asena ɔremma wɔnnsɔre bio.
Awurade ne mʼahoɔden ne me nkatabome koma wɔ ne mu ahotoso, na ɔboa me.Me koma di ahurusina mede dwonto bɛda no ase.