Scripture
Nnwom 27
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 27 Bible text
Awurade ne me hann ne me nkwagye;hena na minsuro no? Awurade ne me nkwa ahoɔden,na hena anim na me ho mpopo?
Sɛ nnipa bɔne bɔ toa mepɛ sɛ wokum me,sɛ mʼatamfo tow hyɛ me so a,wobehintihintiw ahwehwe ase.
Sɛ dɔm mpo twa me ho hyia a,me koma rentu;mpo sɛ wotu me so sa a,ɛno mu koraa na minya awerehyɛmu.
Ade baako na mibisa Awurade;na ɛno na mehwehwɛ;sɛ mɛtena Awurade fime nkwanna nyinaa,na mahwɛ Awurade ahoɔfɛna mahwehwɛ no wɔ nʼasɔrefi.
Hiada mu no,ɔde me besie nʼatenae dwoodwoo;ɔbɛkora me wɔ Ahyiae Ntamadan kronkron muɔde me si ɔbotan so wɔ sorosoro.
Afei ɔbɛma me ti sowɔ atamfo a wɔatwa me ho ahyia no so;mede anigye bɛbɔ afɔre wɔ nʼAhyiae Ntamadan mu;na mɛto dwom, ahyehyɛ nnwom ama Awurade.
Mfa wʼanim nhintaw me,mfa abufuw mpam wo somfome boafo ne wo.Mpo me, na nnyaw me,mʼAgyenkwa Nyankopɔn.