Skip to main content

Scripture

Nnwom 29

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 29 Bible text

AKCB: 1AKCB

Momfa mma Awurade no, mo ɔsoro abɔde,momfa anuonyam ne tumi mma Awurade.

AKCB: 2AKCB

Momfa anuonyam a ɛfata Awurade din mma no;monsɔre Awurade wɔ nʼanuonyam kronkron mu.

AKCB: 3AKCB

Awurade nne wɔ nsu no so;anuonyam Nyankopɔn bobɔ mu, Awurade bobɔ mu wɔ nsu akɛse so.

AKCB: 4AKCB

Awurade nne mu wɔ tumi; Awurade nne mu wɔ anuonyam.

AKCB: 5AKCB

Awurade nne bubu sida; Awurade nne bubu Lebanon sida mu nketenkete

AKCB: 6AKCB

Ɔma Lebanon huruhuruw te sɛ nantwi ba,na Sirion nso sɛ ɛko ba.

AKCB: 7AKCB

Awurade nne pa ma anyinam gya dɛw.

AKCB: 8AKCB

Awurade nne wosow sare so; Awurade wosow Kades sare.

AKCB: 9AKCB

Awurade nne kyinkyim adumna ɛma kwae yɛ kwaterekwa.Nʼasɔredan mufo nyinaa teɛ mu ka se,“Anuonyam nka Onyankopɔn!”

AKCB: 10AKCB

Awurade di hene wɔ nsuyiri so;wɔasi Awurade hene afebɔɔ.

AKCB: 11AKCB

Awurade ma ne nkurɔfo ahoɔden,na ɔde asomdwoe hyira wɔn.Dwom a wɔto de buee Asɔredan no ano.