Skip to main content

Scripture

Nnwom 26

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 26 Bible text

AKCB: 1AKCB

Bu me bem, Awurade,efisɛ, mabɔ bra a asɛm nni ho:mede me ho too Awurade sona manhinhim.

AKCB: 2AKCB

Sɔ me hwɛ, Awurade,hwehwɛ me koma ne mʼadwene mu.

AKCB: 3AKCB

Wʼadɔe wɔ mʼanim daana mɛnantew wo nokware mu.

AKCB: 4AKCB

Me ne nnaadaafo ntenana me ne nyaatwomfo nso nni hwee yɛ.

AKCB: 5AKCB

Mikyi nnebɔneyɛfo guabɔna mempɛ sɛ me ne amumɔyɛfo tena.

AKCB: 6AKCB

Mehohoro me nsa wɔ bembu mu,na mekɔ wʼafɔremuka ho ahyia, Awurade,

AKCB: 7AKCB

na mepae mu ka wʼayeyina meka wʼanwonwade nyinaa.

AKCB: 8AKCB

Mʼani gye ofi a wote mu ho, Awurade,faako a wʼanuonyam wɔ no.

AKCB: 9AKCB

Mfa me kra nka nnebɔneyɛfo de ho nkɔ,ne me nkwa nka mogyapɛfo de ho,

AKCB: 10AKCB

wɔn a amumɔyɛ nhyehyɛe wɔ wɔn nsamna adanmude ayɛ wɔn nsa nifa ma.

AKCB: 11AKCB

Nanso mebɔ ɔbra a ho tew;hu me mmɔbɔ na gye me nkwa.

AKCB: 12AKCB

Mʼanan sisi asase tamaa so;na guabɔ kɛse ase na mɛkamfo Awurade.