Skip to main content

Scripture

Nnwom 25

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 25 Bible text

AKCB: 1AKCB

Awurade, me Nyankopɔn, wo mu na mede me werɛ hyɛ.

AKCB: 2AKCB

Wo so, me Nyankopɔn, na mede me ho to,mma mʼanim ngu ase,na mma mʼatamfo nso nni me so nkonim.

AKCB: 3AKCB

Wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no mu biaraanim rengu ase da,mmom, wɔn a wɔyɛ kɔntɔnkye kwa noanim begu ase.

AKCB: 4AKCB

Kyerɛ me wʼakwan, Awurade,na minhu wʼatempɔn.

AKCB: 5AKCB

Fa wo nokware no so kyerɛkyerɛ me,efisɛ woyɛ Onyankopɔn, me Gyefo,na mʼani da wo so daa nyinaa.

AKCB: 6AKCB

Kae, Awurade, wo mmɔborɔhunu ne wo dɔ kɛsea ɛwɔ hɔ fi tete no.

AKCB: 7AKCB

Nkae me mmabun bere mu bɔnene mʼatuatew akwan;kae me sɛnea wʼadɔe te, Awurade, efisɛ wuye.

AKCB: 8AKCB

Awurade ye na ɔteɛ;enti ɔkyerɛkyerɛ nnebɔneyɛfo nʼakwan.

AKCB: 9AKCB

Ɔde ahobrɛasefo fa ɔkwan pa sona ɔkyerɛ wɔn nʼapɛde.

AKCB: 10AKCB

Awurade akwan nyinaa yɛ ɔdɔ ne nokwaredima wɔn a wodi nʼapam mu ahyɛde so.

AKCB: 11AKCB

Awurade, me bɔne so de,nanso wo din nti, fa kyɛ me.

AKCB: 12AKCB

Enti hena ne onipa a osuro Awurade?Ɔbɛkyerɛ no ɔkwan a wabɔ ama no.

AKCB: 13AKCB

Obedi yiye wɔ ne nkwanna mu,na nʼasefo afa asase no sɛ wɔn agyapade.

AKCB: 14AKCB

Awurade da nʼatirimsɛm adi kyerɛ wɔn a wosuro no;na ɔma wohu nʼapam.

AKCB: 15AKCB

Mʼani da Awurade so daa,efisɛ ɔno nko ara na obeyi mʼanan afi afiri mu.

AKCB: 16AKCB

Dan wʼani hwɛ me, na dom me,efisɛ meyɛ ankonam na meyɛ mmɔbɔ.

AKCB: 17AKCB

Me koma mu dadwen adɔɔso;yi me dadwen fi me so.

AKCB: 18AKCB

Hwɛ me haw ne mʼahohiahiana yi me bɔne nyinaa fi me so.

AKCB: 19AKCB

Hwɛ sɛnea mʼatamfo adɔɔsone ɔtan kɛse a wɔde tan me!

AKCB: 20AKCB

Bɔ me nkwa ho ban na gye me;mma mʼanim ngu ase,efisɛ me guankɔbea ne wo.

AKCB: 21AKCB

Ma trenee ne nokware mmɔ me ho ban,efisɛ mʼani da wo so.

AKCB: 22AKCB

Gye Israel, Onyankopɔn,fi wɔn haw nyinaa mu.