Skip to main content

Scripture

Nnwom 24

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 24 Bible text

AKCB: 1AKCB

Asase ne nea ɛwɔ mu nyinaa yɛ Awurade de;wiase ne wɔn a wɔte mu nyinaa wɔ no;

AKCB: 2AKCB

efisɛ ɔno na ɔtoo ne fapem wɔ po sona ɔde sii nsu ani.

AKCB: 3AKCB

Hena na obetumi aforo Awurade bepɔw no?Hena na obetumi agyina ne tenabea kronkron hɔ?

AKCB: 4AKCB

Nea ɔyɛ ade trenee na ne koma mu tew,nea ne kra nni ahoni akyina ɔnka ntamhunu.

AKCB: 5AKCB

Obenya Awurade nsam nhyirane bembu a efi ne Nkwagye Nyankopɔn.

AKCB: 6AKCB

Saa na awo ntoatoaso a wɔhwehwɛ Awurade no tewɔn a wɔhwehwɛ wʼanim no, Yakob Nyankopɔn.

AKCB: 7AKCB

Mo aponkɛse, momma mo ti so;wɔmma mo so, mo tete apon,na Anuonyam Hene nhyɛn mu.

AKCB: 8AKCB

Hena ne saa Anuonyam Hene yi?Ɔno ne Awurade hoɔdenfo ne otumfo no Awurade a ɔyɛ ɔko mu nkonimdifo.

AKCB: 9AKCB

Momma mo ti so, mo aponkɛsemomma wɔn so, mo tete apon,na anuonyam Hene no nkɔ mu.

AKCB: 10AKCB

Hena ne saa anuonyam Hene yi?Asafo Awurade no,ɔno ne anuonyam Hene no.