Skip to main content

Scripture

Nnwom 18

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 18 Bible text

AKCB: 1AKCB

Medɔ wo, Awurade, mʼahoɔden.

AKCB: 2AKCB

Awurade ne me botantim;mʼaban ne me gyefo;me Nyankopɔn yɛ me botan.Ne mu na minya me hintabea.Ɔyɛ me nkatabo, me nkwagye abɛn ne mʼabandennen.

AKCB: 3AKCB

Misu frɛ Awurade; ɔno na ayeyi sɛ no,efisɛ ogye me fi mʼatamfo nsam.

AKCB: 4AKCB

Owu nkɔnsɔnkɔnsɔn kyekyeree me;na ɔsɛe asorɔkye bu faa me so.

AKCB: 5AKCB

Ɔda mu hama kyekyeree me;mihyiaa owu mfiri.

AKCB: 6AKCB

Mʼahohia mu, misu frɛɛ Awurade.Misu frɛɛ me Nyankopɔn hwehwɛɛ mmoa.Ofi nʼasɔrefi hɔ tee me nne;me sufrɛ baa nʼanim, na ɛkɔɔ nʼasom.

AKCB: 7AKCB

Asase wosowee na ehinhimii,na mmepɔw fapem wosoweewosuroe, efisɛ na ne bo afuw.

AKCB: 8AKCB

Wusiw fii ne hwene mu;ogyaframa fii nʼanom,na nnyansramma dɛw fii mu.

AKCB: 9AKCB

Ofii ɔsoro baa fam;na omununkum kabii duruu nʼanan ase.

AKCB: 10AKCB

Ɔte kerubim so tu kɔɔ soro;gyaagyaa ne ho wɔ mframa ntaban so.

AKCB: 11AKCB

Ɔde sum kataa ne ho,osu a amuna tumm atwa ne ho ahyia.

AKCB: 12AKCB

Hann kɛse hyerɛn wɔ nʼanim,na omununkum a mparuwbo ne anyinam wɔ mu fii ne ho hyerɛn mu bae.

AKCB: 13AKCB

Awurade bobɔɔ mu fii ɔsoro;Ɔsorosoroni no nne gyigyee bio.

AKCB: 14AKCB

Ɔtow ne bɛmma no de bɔɔ atamfo no ahwete,ɔde anyinam a ano yɛn den pam wɔn.

AKCB: 15AKCB

Po mu abon ho yiyiina asase nnyinaso ho daa hɔ,esiane wʼanimka ne ahomegu a efi wo hwene mu no nti, Awurade.

AKCB: 16AKCB

Ofi soro baa fam besoo me mu;ɔtwee me fii nsu a mu dɔ mu.

AKCB: 17AKCB

Ogyee me fii me tamfo hoɔdenfo nsam,wɔn a wɔn ani sa me, na wɔn ho yɛ den dodo ma me no.

AKCB: 18AKCB

Wɔbaa me so wɔ mʼamanehunu da mu,nanso Awurade maa me so,

AKCB: 19AKCB

wode me baa baabi a hɔ trɛw;ogyee me, efisɛ nʼani sɔɔ me.

AKCB: 20AKCB

Awurade ne me adi no sɛnea me trenee te;wahwɛ me nsa a ho tew so atua me ka.

AKCB: 21AKCB

Manantew Awurade akwan so.Mentwee me ho mfii me Nyankopɔn ho nkɔyɛɛ bɔne ɛ.

AKCB: 22AKCB

Madi ne mmara nyinaa so:mimmuu nʼahyɛde so.

AKCB: 23AKCB

Me ho nni asɛm wɔ Onyankopɔn anim,na matwe me ho afi bɔne ho.

AKCB: 24AKCB

Awurade agyina me treneeyɛne me nsa a ho tew wɔ nʼanim no so atua me ka.

AKCB: 25AKCB

Woda wo ho adi sɛ ɔnokwafo kyerɛ wɔn a wodi nokware,wɔn a wodi mu nso wokyerɛ wɔn sɛ wodi mu.

AKCB: 26AKCB

Woyɛ kronkron ma wɔn a wɔyɛ kronkron,na amumɔyɛfo de, wukyi wɔn.

AKCB: 27AKCB

Wugye ahobrɛasefo nkwa,na wobrɛ ahantanfo ase.

AKCB: 28AKCB

Awurade, woma me kanea hyerɛn.Yiw, woma me sum dan hann.

AKCB: 29AKCB

Wʼahoɔden a wode ma me nti, mitumi ka asraafo gu;me Nyankopɔn nti, mitumi foro ɔfasu.

AKCB: 30AKCB

Onyankopɔn de, nʼakwan yɛ pɛ; Awurade bɔhyɛ nyinaa ba mu.Ɔyɛ nkataboma wɔn a wɔhwehwɛ bammɔ wɔ ne mu.

AKCB: 31AKCB

Na hena na ɔyɛ Onyankopɔn ka Awurade ho?Hena na ɔyɛ Ɔbotan no? Gye sɛ yɛn Nyankopɔn no.

AKCB: 32AKCB

Ɛyɛ Onyankopɔn na ɔma me ahoɔden,na ɔma me kwan yɛ pɛ.

AKCB: 33AKCB

Ɔma mʼanammɔn ho yɛ hare sɛ ɔforote de.Ɔma me gyina sorɔnsorɔmmea.

AKCB: 34AKCB

Osiesie me ma ɔko,na me basa tumi kuntun kɔbere mfrafrae tadua.

AKCB: 35AKCB

Wode wo ogye boa me nkatabo,na wo nsa nifa ma me gyina.Wobrɛ wo ho ase ma meyɛ ɔkɛse.

AKCB: 36AKCB

Woabɔ kwan tɛtrɛɛ ama mʼanansɛnea me nkotodwe rengurow.

AKCB: 37AKCB

Metaa mʼatamfo kɔtoo wɔn;mansan mʼakyi kosii sɛ mesɛee wɔn.

AKCB: 38AKCB

Mɛdwerɛw wɔn, na wɔantumi ansɔre,wɔhwehwee ase wɔ mʼanan ase.

AKCB: 39AKCB

Wode akodi ahoɔden maa me;womaa mʼatamfo bɔɔ wɔn mu ase wɔ me nan ase.

AKCB: 40AKCB

Womaa mʼatamfo dan wɔn ho guanee,na mesɛe wɔn a wɔtan me.

AKCB: 41AKCB

Wosu hwehwɛɛ mmoa, nanso obiara ammegye wɔn,wɔfrɛɛ Awurade, nanso wammua.

AKCB: 42AKCB

Meyam wɔn sɛ mfutuma a mframa bɔ gu;mihwiee wɔn guu sɛ mmɔnten so dontori.

AKCB: 43AKCB

Woagye me afi nnipa no ɔfow mu,woayɛ me amanaman no ti;nnipa a minnim wɔn abɛyɛ mʼasomfo.

AKCB: 44AKCB

Wɔte me nka pɛ a, wɔyɛ osetie ma me;ananafo kotow mʼanim.

AKCB: 45AKCB

Wɔn nyinaa botobotow;wofi wɔn abandennen mu ba ahopopo so.

AKCB: 46AKCB

Awurade te ase! Ayeyi nka me Botan!Wɔmma Onyankopɔn, me Gyefo no din so!

AKCB: 47AKCB

Ɔno ne Onyankopɔn a ɔtɔ were ma me,ɔno na ɔka amanaman hyɛ mʼase,

AKCB: 48AKCB

ɔno na ogye me fi mʼatamfo nsam.Wopagyaw me sii mʼatamfo so,wugyee me fii basabasayɛfo nsam.

AKCB: 49AKCB

Ɛno nti, mɛkamfo wo wɔ amanaman mu, Ao Awurade.Mɛto ayeyi dwom ama wo din.

AKCB: 50AKCB

Wode nkonimdi akɛse ama wo hene;woda ɔdɔ a ɛnsa da adi kyerɛ nea woasra no ngo,wode kyerɛ Dawid, ne nʼasefo afebɔɔ.Wɔde ma dwonkyerɛfo.