Skip to main content

Scripture

Nnwom 19

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 19 Bible text

AKCB: 1AKCB

Ɔsoro ka Onyankopɔn anuonyam!Wim pae mu ka ne nsa ano adwuma,

AKCB: 2AKCB

Da biara, wɔkasa;anadwo biara, wɔda nimdeɛ adi.

AKCB: 3AKCB

Wonni ɔkasa, wɔnnka nsɛm;wɔnnte wɔn nne.

AKCB: 4AKCB

Wɔn nne akodu asase so mmaa nyinaa,na wɔn nsɛm nso akodu asase ano.Onyankopɔn asi ntamadan ama owia wɔ ɔsoro hɔ.

AKCB: 5AKCB

Ɛte sɛ ayeforokunu a ofi ne pia mu,te sɛ ɔbran a ne ho pere no sɛ obetu ne mmirika.

AKCB: 6AKCB

Epue wɔ ɔsoro fa baabina atwa ne ho akosi ano;biribiara nsiw ne hyew ho kwan.

AKCB: 7AKCB

Awurade mmara yɛ pɛ,ɛkanyan ɔkra no.Ahotoso wɔ Awurade nhyehyɛe mu,ɛma nea onnim nyansa hu nyansa.

AKCB: 8AKCB

Awurade ahyɛde teɛ;ɛma koma mu anigye. Awurade ɔhyɛ nsɛm mu da hɔ;na ebue ani.

AKCB: 9AKCB

Awurade suro yɛ kronkron,ɛte hɔ daa. Awurade mmara nsɛm yɛ nokwarena ne nyinaa teɛ.

AKCB: 10AKCB

Ɛsom bo sen sikakɔkɔɔɛsen sikakɔkɔɔ kann;ɛyɛ dɛ sen ɛwo,ɛsen ɛwo a efi ɛwokyɛm mu.

AKCB: 11AKCB

Wɔnam so bɔ wo somfo kɔkɔ se,sodi so akatua yɛ bebree.

AKCB: 12AKCB

Hena na ohu nʼankasa mfomso?Fa me mfomso a ahintaw kyɛ me.

AKCB: 13AKCB

Bɔ wʼakoa ho ban fi ɔboayɛ bɔne ho,na anhyɛ me so.Ɛno na ɛbɛma madi bem,a merenni fɔ wɔ bɔne akɛse ho.

AKCB: 14AKCB

Ma mʼanom nsɛm ne me koma mu adwenenyɛ nea ɛsɔ wʼani, Awurademe Botan ne me Gyefo.Wɔde ma dwonkyerɛfo.