Scripture
Nnwom 17
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 17 Bible text
Awurade, tie me trenee abisade;tie me sufrɛ.Yɛ aso ma me mpaebɔ;nea emfi nnaadaa anofafa mu.
Wopɛɛpɛɛ me koma mu,wohwehwɛ me mu anadwo,na wosɔ me hwɛ de, nanso wubehu sɛ minsusuw bɔne bi ɛ;mʼano nkaa bɔne bi ɛ.
Da wo dɔ nwonwaso no adi;wo a wode wo nsa nifagye wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no nkwafi wɔn atamfo nsam no.
Sɔre, Awurade!Wone wɔn mfa mmɔ ani na ka wɔn hyɛ;fa wʼafoa no gye me fi amumɔyɛfo no nsam.
Awurade, fa wo nsagye me fi nnipa a wɔte sɛɛ nsam;asase so nnipa a wɔn akatua wɔ nkwa yi mu no.Womma ɔkɔm nne wɔn a wʼani ku wɔn ho;wɔn mmabarima wɔ bebree,na wɔkora agyapade ma wɔn mma.
Na me trenee mu, mehu wʼanim;sɛ minyan na mihu wo a me koma bɛtɔ me yam.Wɔde ma dwonkyerɛfo.