Skip to main content

Scripture

Nnwom 16

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 16 Bible text

AKCB: 1AKCB

Bɔ me ho ban, me Nyankopɔn,na wo mu na minya guankɔbea.

AKCB: 2AKCB

Meka kyerɛɛ Awurade se,“MʼAwurade ne wo;minni ade pa biara ka wo ho.”

AKCB: 3AKCB

Ahotefo a wɔwɔ asase no so de,wɔne anuonyamfo amʼanigye wɔ wɔn mu.

AKCB: 4AKCB

Wɔn a wodi anyame afoforo akyi no,wɔn awerɛhow bɛdɔɔso.Merengu mogya nsa mma saa anyame nona meremfa mʼano mmɔ wɔn din.

AKCB: 5AKCB

Awurade, wode me kyɛfa ne me kuruwa ama me;woama me kyɛfa anya bammɔ.

AKCB: 6AKCB

Mʼahye akɔdeda mmeae a eye ama me;ampa ara mewɔ agyapade a ho yɛ anigye.

AKCB: 7AKCB

Mɛkamfo Awurade a otu me fo;na anadwo mpo, me koma kyerɛkyerɛ me.

AKCB: 8AKCB

Mihu Awurade wɔ mʼani so daa nyinaa.Esiane sɛ ɔwɔ me nsa nifa nti, merenhinhim da.

AKCB: 9AKCB

Ɛno nti, me kra ani gye, na mede me tɛkrɛma di ahurusi;me nipadua nso bɛhome asomdwoe mu,

AKCB: 10AKCB

efisɛ, worennyaw me awufo mu.Na woremma wo Kronkronni no mporɔw.

AKCB: 11AKCB

Woakyerɛ me nkwagye kwan,na wobɛma mʼani agye wɔ wʼanim,na anigye a ɛrensa da wɔ wo nifa so.