Skip to main content

Scripture

Nnwom 148

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 148 Bible text

AKCB: 1AKCB

Monkamfo Awurade!Monkamfo Awurade mfi ɔsorosoro,monkamfo no wɔ ɔsoro sorɔnsorɔmmea.

AKCB: 2AKCB

Nʼabɔfo nyinaa, monkamfo no,ne ɔsoro asafo nyinaa, monkamfo no.

AKCB: 3AKCB

Owia ne ɔsram, monkamfo no,nsoromma a ɛhyerɛn nyinaa, monkamfo no.

AKCB: 4AKCB

Monkamfo no, ɔsoro mu sorone mo nsu a mowɔ ɔsoro atifi.

AKCB: 5AKCB

Momma wɔn nyinaa nkamfo Awurade din,efisɛ ɔno na ɔhyɛ ma wɔbɔɔ wɔn.

AKCB: 6AKCB

Ɔde wɔn sisii hɔ afebɔɔ;na ɔmaa ɔhyɛ nsɛm bi a ɛrentwa mu da.

AKCB: 7AKCB

Monkamfo Awurade mfi asase so,mo po kɛse mu abɔde ne po bun nyinaa,

AKCB: 8AKCB

anyinam ne mparuwbo, sukyerɛmma ne omununkum,ahum a moyɛ nʼapɛde,

AKCB: 9AKCB

mo mmepɔw ne nkoko nyinaa,nnua a ɛsow aba ne sida nyinaa,

AKCB: 10AKCB

nwura mu mmoa ne anantwi,abɔde nketewa ne nnomaa a wotu,

AKCB: 11AKCB

asase ne amanaman nyinaa so ahemfo,mo mmapɔmma ne asase sodifo nyinaa,

AKCB: 12AKCB

mmerante ne mmabaa,mmasiriwa ne mmofra nso.

AKCB: 13AKCB

Ma wɔnkamfo Awurade din,na ne din so sen din biara;nʼanuonyam korɔn wɔ asase ne ɔsoro so.

AKCB: 14AKCB

Wapagyaw mmɛn bi ama ne nkurɔfo,nʼahotewfo nyinaa nkamfo;Israelfo, nnipa a wɔda ne koma so no nkamfo.Monkamfo Awurade.