Skip to main content

Scripture

Nnwom 147

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 147 Bible text

AKCB: 1AKCB

Monkamfo Awurade.Eye sɛ wɔto ayeyi nnwom ma yɛn Nyankopɔn,ɛyɛ fɛ na ɛfata dodo sɛ wɔkamfo no!

AKCB: 2AKCB

Awurade kyekyere Yerusalem;Ɔboaboa Israel nnommum ano.

AKCB: 3AKCB

Ɔsa wɔn a wɔn koma abotow no yare,na ɔkyekyere wɔn akuru.

AKCB: 4AKCB

Ɔkyerɛ nsoromma dodow a ɛwɔ hɔ,na ɔde obiara din frɛ no.

AKCB: 5AKCB

Yɛn Awurade so, na ne tumi yɛ kɛse;yɛrente nʼase nwie.

AKCB: 6AKCB

Awurade wowaw ahobrɛasefona ɔtotow amumɔyɛfo hwehwe fam.

AKCB: 7AKCB

Monto aseda nnwom mma Awurade.Momfa sanku nto dwom mma yɛn Nyankopɔn.

AKCB: 8AKCB

Ɔde omununkum kata ɔsoro ani;ɔma asase osuma sare nyin wɔ nkoko so.

AKCB: 9AKCB

Ɔma anantwi aduan,na sɛ kwaakwaadabimma su a, ɔma wɔn aduan.

AKCB: 10AKCB

Ɛnyɛ ɔpɔnkɔ ahoɔden na nʼani sɔna ɛnyɛ onipa ahoɔden nso.

AKCB: 11AKCB

Na mmom, Awurade ani sɔ nnipa a wosuro no,wɔn a wɔde wɔn ho to nʼadɔe a ɛnsa da no so no.

AKCB: 12AKCB

Momma Awurade so, Yerusalem;kamfo wo Nyankopɔn, Sion,

AKCB: 13AKCB

ɔma wʼapon akyi adaban yɛ den,na ohyira wo nkurɔfo a wɔte wo mu.

AKCB: 14AKCB

Ɔma wʼahye so dwo,na ɔde awi ankasa ma wo.

AKCB: 15AKCB

Ɔsoma nʼahyɛde kɔ asase so;nʼasɛm tu mmirika ntɛm so.

AKCB: 16AKCB

Ɔtrɛw sukyerɛmma mu sɛ oguan ho nwi,na ɔpete obosu sukyerɛmma sɛ nsõ.

AKCB: 17AKCB

Ɔtotow mparuwbo gu fam sɛ mmosea.Hena na obetumi agyina nʼawɔw dennen no ano?

AKCB: 18AKCB

Ɔsoma nʼasɛm no ma ɛnan no;ɔhwanyan ne mframa, na nsu sen.

AKCB: 19AKCB

Wada nʼasɛm adi akyerɛ Yakob,ne mmara ne ɔhyɛ nsɛm akyerɛ Israel.

AKCB: 20AKCB

Ɔnyɛɛ eyi maa ɔman foforo biara ɛ;wonnim ne mmara.Monkamfo Awurade!