Skip to main content

Scripture

Nnwom 149

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 149 Bible text

AKCB: 1AKCB

Monkamfo Awurade.Monto dwom foforo mma Awurade,monkamfo no wɔ ahotefo asafo mu.

AKCB: 2AKCB

Ma Israel ani nnye ne Yɛfo mu.Ma Sion mma ani nnye wɔn Hene mu.

AKCB: 3AKCB

Ma wɔmfa asaw nkamfo ne dinna wɔmfa sanku ne akasaa nto dwom mma no.

AKCB: 4AKCB

Na Awurade ani sɔ ne nkurɔfo;ɔde nkwagye kyɛw hyɛ ahobrɛasefo.

AKCB: 5AKCB

Momma ahotefo nni ahurusi wɔ anuonyam yi mu;na wɔnto ahosɛpɛw dwom wɔ wɔn mpa so.

AKCB: 6AKCB

Onyankopɔn nkamfo nhyɛ wɔn anom,na ɛnyɛ afoa anofanu wɔ wɔn nsam,

AKCB: 7AKCB

sɛ wɔmfa ntɔ were wɔ amanaman no sone asotwe wɔ nnipa no so,

AKCB: 8AKCB

sɛ wɔmfa nyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn nkyekyere wɔn ahemfo,ne dade mpokyerɛ ngu wɔn atitiriw,

AKCB: 9AKCB

sɛ wɔmfa mmu atɛn, sɛnea wɔakyerɛw atia wɔn no.Eyi ne nʼahotewfo nyinaa anuonyam.Monkamfo Awurade.