Skip to main content

Scripture

Nnwom 146

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 146 Bible text

AKCB: 1AKCB

Monkamfo Awurade.Me kra, kamfo Awurade!

AKCB: 2AKCB

Mɛkamfo Awurade me nkwanna nyinaa;mɛto ayeyi dwom ama me Nyankopɔn, sɛ mete ase yi.

AKCB: 3AKCB

Mommfa mo ho nto mmapɔmma so,adesamma a wɔrentumi nnye nkwa.

AKCB: 4AKCB

Sɛ wɔn honhom tu kɔ a, wɔsan kɔ dɔte mu,saa da no ara wɔn nsusuwii nyinaa yɛ ɔkwa.

AKCB: 5AKCB

Nhyira ne nea ne boafo ne Yakob Nyankopɔn,nea nʼanidaso wɔ Awurade, ne Nyankopɔn mu.

AKCB: 6AKCB

Ɔno ne ɔsoro ne asase Yɛfo,po ne biribiara a ɛwɔ mu nyinaa Awurade a ɔyɛ nokwafo daa no.

AKCB: 7AKCB

Odi ma wɔn a wɔhyɛ wɔn so,na ɔma wɔn a ɔkɔm de wɔn aduan. Awurade gyaa nneduafo,

AKCB: 8AKCB

Awurade ma anifuraefo hu ade. Awurade ma wɔn a wɔakom no so, Awurade dɔ atreneefo.

AKCB: 9AKCB

Awurade hwɛ ahɔho so,na ɔwowaw ayisaa ne akunafo,na amumɔyɛfo akwan de, ɔdan ani.

AKCB: 10AKCB

Awurade di hene daa daa,Ao, Sion, wo Nyankopɔn, wɔ awo ntoatoaso nyinaa so.Monkamfo Awurade.