Scripture
Nnwom 143
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 143 Bible text
Awurade, gye me so ntɛm;me honhom tɔ piti.Mfa wʼanim nhintaw meanyɛ saa a mɛyɛ sɛ wɔn a wɔkɔ amoa mu no.
Ma mente wʼadɔe a ɛnsa da no ho asɛm daa anɔpa,na mede me ho ato wo so.Kyerɛ me ɔkwan a memfa so,na wo na mema me kra so kyerɛ.
Kyerɛ me na menyɛ wʼapɛde,na wo ne me Nyankopɔn;ma wo honhom pa nonkogya me asasetaw so.
Fi wʼadɔe a ɛnsa da no mu mua mʼatamfo ano;na sɛe wɔn a wokyi me no nyinaa,na meyɛ wo somfo.