Skip to main content

Scripture

Nnwom 144

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 144 Bible text

AKCB: 1AKCB

Nkamfo nka Awurade, me Botan,nea ɔma me nsa akodi ho ntetewee,ne me nsateaa ma ɔsa.

AKCB: 2AKCB

Ɔyɛ mʼadɔe Nyankopɔn ne mʼabandennen,me bammɔ ne me gyefo,me kyɛm a mewɔ guankɔbea wɔ no mu,ɔno na ɔka nnipa hyɛ mʼase.

AKCB: 3AKCB

Awurade, hena ne onipa a wʼani ku no hoonipa ba a wudwen ne ho yi?

AKCB: 4AKCB

Onipa te sɛ ɔhome;ne nna te sɛ sunsuma a ɛretwa mu.

AKCB: 5AKCB

Awurade, fi ɔsoro hɔ na sian bra fam;fa wo nsa ka mmepɔw, na emfi wusiw.

AKCB: 6AKCB

Soma anyinam na bɔ atamfo no hwete;to wo mmɛmma no ma wonguan.

AKCB: 7AKCB

Teɛ wo nsa fi ɔsoro bra fam;gye me na yi mefi nsu akɛse ho,fi ananafo nsam,

AKCB: 8AKCB

wɔn a atoro ayɛ wɔn anom ma,na wɔn nsa nifa yɛ nnaadaa.

AKCB: 9AKCB

Onyankopɔn, mɛto dwom foforo ama wo;mɛto dwom wɔ sanku a ahama du gu so so ama wo,

AKCB: 10AKCB

ama Ɔbaako a ɔde nkonimdi ma ahemfo,na ogye ne somfo Dawid fi afoawerɛmfo ano.

AKCB: 11AKCB

Gye me na yi me fiananafo nsam,wɔn a atoro ayɛ wɔn anom mana wɔn nsa nifa yɛ nnaadaa.

AKCB: 12AKCB

Afei yɛn mmabarima mmerantebere mubɛyɛ sɛ afifide a wɔahwɛ so yiye,na yɛn mmabea bɛyɛ sɛ aduma wɔasen de asiesie ahemfi.

AKCB: 13AKCB

Yɛn asan bɛyɛ amaama;aduan ahorow biara bɛba so.Yɛn nguan dodow so bɛto mpem mpem,wɔn so bɛto mpem du du wɔ yɛn mfuw so;

AKCB: 14AKCB

yɛn anantwi bɛtwe nnesoa duruduru.Wɔrennwiriw afasu,yɛrenkɔ nkoasom mu,na agyaadwotwa remma yɛn mmɔnten so.

AKCB: 15AKCB

Nhyira nka nnipa a ɛbɛba mu saa ama wɔn.Nhyira nka nnipa a wɔn Nyankopɔn ne Awurade.