Skip to main content

Scripture

Nnwom 142

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 142 Bible text

AKCB: 1AKCB

Meteɛ mu su frɛ Awurade;mema me nne so su frɛ Awurade sɛ onhu me mmɔbɔ.

AKCB: 2AKCB

Mihwie mʼahiasɛm gu nʼanim;meka me haw kyerɛ no.

AKCB: 3AKCB

Sɛ me kra tɔ beraw wɔ me mu a,ɛyɛ wo na wunim me kwan.Ɔkwan a menam so nonnipa asum me afiri.

AKCB: 4AKCB

Hwɛ na hu, obiara nni me nifa so;mʼasɛm mfa obiara ho;minni guankɔbea bi;me nkwa mfa obiara ho.

AKCB: 5AKCB

Awurade, misu frɛ wo;mise, “Wone me guankɔbea,me kyɛfa wɔ ateasefo asase so.”

AKCB: 6AKCB

Tie me sufrɛ,na mewɔ ahohia kɛse mu;gye me fi mʼataafo nsam,efisɛ wɔn ho yɛ den sen me.

AKCB: 7AKCB

Yi me fi mʼafiase,na makamfo wo din.Afei atreneefo betwa me ho ahyiaesiane wo papa a woayɛ me no nti.