Skip to main content

Scripture

Nnwom 139

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 139 Bible text

AKCB: 1AKCB

Awurade, woahwehwɛ me muna woahu me.

AKCB: 2AKCB

Wunim mʼasetena ne me sɔre;wufi akyirikyiri hu mʼadwene mu.

AKCB: 3AKCB

Wunim mʼadifi ne me nnae mu;wunim mʼakwan nyinaa mu.

AKCB: 4AKCB

Ansa na mebue mʼano akasa no Awurade, na wunim ne nyinaa dedaw.

AKCB: 5AKCB

Woakata me ho nyinaa ahyiana wobɔ me ho ban.

AKCB: 6AKCB

Saa nimdeɛ yi yɛ me nwonwa dodo,ɛkɔ soro dodo ma me sɛ medu ho.

AKCB: 7AKCB

Ɛhe na metumi afi wo honhom anim akɔ?Ɛhe na metumi aguan afi wʼanim akɔ?

AKCB: 8AKCB

Sɛ meforo soro a, wowɔ hɔ.Na mekɔsɛw me kɛtɛ wɔ asaman a, wo ni.

AKCB: 9AKCB

Sɛ mede adekyee ntaban tuna mekɔtena po akyi nohɔ a,

AKCB: 10AKCB

mpo hɔ na wo nsa begya me akɔ,na wo nsa nifa beso me mu.

AKCB: 11AKCB

Na meka se, “Ampa ara sum mmɛkata me sona hann nnan adesae ntwa me ho nhyia a,”

AKCB: 12AKCB

sum mpo nyɛ sum mma wo;na anadwo bɛhyerɛn sɛ awia;sum ne hann yɛ wo pɛ.

AKCB: 13AKCB

Na wo na wobɔɔ me honhomwonwen me wɔ me na awotwaa mu.

AKCB: 14AKCB

Mekamfo wo, efisɛ woyɛɛ me anwonwakwan so a ɛyɛ hu;wo nnwuma yɛ nwonwa.Minim ɛno yiye pa ara.

AKCB: 15AKCB

Wɔamfa me bɔbea anhintaw wobere a wɔyɛɛ me kokoa mu no;bere a wɔnwenee me wɔ asase bun mu no,

AKCB: 16AKCB

wʼani huu me, bere a meyɛ mogyatɔw no.Nna dodow a woatwa ama me no,wɔakyerɛw ne nyinaa wɔ wo nhoma muansa na mu baako reba mu.

AKCB: 17AKCB

Onyankopɔn, wo nsusuwii som bo ma me!woka ne nyinaa bɔ mu a, ɛtrɛw dodo!

AKCB: 18AKCB

Sɛ mise mɛkan a,ne dodow bɛboro mpoano nwea,sɛ minyan a,me ne wo wɔ hɔ ara.

AKCB: 19AKCB

Sɛ anka, Onyankopɔn, wubekunkum amumɔyɛfo ɛ!Mumfi me so, mo a moyɛ mogyapɛfo!

AKCB: 20AKCB

Wɔde adwemmɔne ka wo ho asɛm;wʼatamfo mmmɔ wo din pa.

AKCB: 21AKCB

Awurade, metan wɔn a wɔtan wo,na mikyi wɔn a wɔsɔre tia wo no ana?

AKCB: 22AKCB

Minni hwee sɛ ɔtan a mewɔ ma wɔn;mefa wɔn sɛ mʼatamfo.

AKCB: 23AKCB

Hwehwɛ me mu, Onyankopɔn, na hu me koma;sɔ me hwɛ, na hu mʼadwene.

AKCB: 24AKCB

Hwɛ sɛ bɔne bi wɔ me mu a,na di mʼanim fa daa nkwa kwan so.Wɔde ma dwonkyerɛfo.