Skip to main content

Scripture

Nnwom 140

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 140 Bible text

AKCB: 1AKCB

Awurade, gye me fi nnebɔneyɛfo nsam;bɔ me ho ban fi basabasayɛfo nsam,

AKCB: 2AKCB

wɔn a wodwen bɔne wɔ wɔn koma muna wɔhwanyan ɔko mu da biara.

AKCB: 3AKCB

Wɔsew wɔn tɛkrɛma ano te sɛ ɔwɔ de;nhurutoa bɔre wɔ wɔn ano.

AKCB: 4AKCB

Awurade, yi me fi amumɔyɛfo nsam;bɔ me ho ban fi basabasayɛfo awodwen sɛ wobetwintwan mʼanan mu no ho.

AKCB: 5AKCB

Ahantanfo asum me afiri;wɔatrɛtrɛw wɔn asau ahama muwɔasunsum me mfiri wɔ me kwan so.

AKCB: 6AKCB

Awurade, meka kyerɛ wo se, “Wone me Nyankopɔn.” Awurade, tie me mmɔborɔsu.

AKCB: 7AKCB

Otumfo Awurade, me gyefo hoɔdenfo,wokata me ti so wɔ ɔko da,

AKCB: 8AKCB

nyɛ amumɔyɛfo abisade mma wɔn, Awurade;mma wɔn nhyehyɛe nnyɛ yiye.

AKCB: 9AKCB

Wɔatwa me ho ahyia,nanso, ma amumɔyɛsɛm a efi wɔn anom no nsɛe wɔn.

AKCB: 10AKCB

Ma nnyansramma ngu wɔn so;ma wɔntow wɔn ngu ogya mu,ngu dontori amoa mu a wɔrensɔre bio.

AKCB: 11AKCB

Mma dinsɛefo ase ntim asase no so;ma amanehunu ntaataa kitikitiyɛfo.

AKCB: 12AKCB

Minim sɛ Awurade bu ahiafo atɛntreneena odi onnibi asɛm ma no.

AKCB: 13AKCB

Ampa ara, atreneefo bɛkamfo wo dinna wɔn a wɔnam tee no bɛtena nkwa mu wɔ wʼanim.