Scripture
Nnwom 138
AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 138 Bible text
Mede mʼani bɛkyerɛ wʼasɔredan kronkron no, akotow wona makamfo wo dinwɔ wʼadɔe a enni huammɔ ne wo nokwaredi nti,efisɛ woama wʼahyɛde no so yiye;ama asen wo titiriwyɛ.
Ɛwɔ mu sɛ Awurade wɔ ɔsorosoro de, nanso ɔhwɛ mmɔborɔfo,na ahantanfo de, ohu wɔn wɔ akyirikyiri.
Ɛwɔ mu sɛ menam ɔhaw mu de,nanso wobɔ me nkwa ho ban;woteɛ wo nsa wɔ mʼatamfo abufuw so,na wode wo nsa nifa gye me nkwa.
Awurade bɛma nea wahyehyɛ ama me no aba mu; Awurade, wʼadɔe wɔ hɔ daa,nnyaa wo nsa ano nnwuma akyidi.Wɔde ma dwonkyerɛfo.