Skip to main content

Scripture

Nnwom 137

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 137 Bible text

AKCB: 1AKCB

Babilonia nsubɔnten ho, ɛhɔ na yɛtena suubere a yɛkaee Sion no.

AKCB: 2AKCB

Ɛhɔ konkɔn so nnua muna yɛde yɛn asanku sensɛnee,

AKCB: 3AKCB

ɛhɔ na yɛn nnommumfafo kaa se yɛnto nnwom,yɛn ahohiafo hwehwɛɛ anigye nnwom fii yɛn nkyɛn;wɔkae se, “Monto Sion nnwom baako nkyerɛ yɛn!”

AKCB: 4AKCB

Ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi ato Awurade nnwom,bere a yɛwɔ ananafo asase so?

AKCB: 5AKCB

Yerusalem, sɛ me werɛ fi wo ama me nsa nifa werɛ mfi sankubɔ.

AKCB: 6AKCB

Sɛ mankae wo a,ma me tɛkrɛma nka ntare mʼanomsɛ mamfa Yerusalemsɛ mʼanigyede kɛse pa ara a.

AKCB: 7AKCB

Kae, Awurade, nea Edomfo yɛɛda a Yerusalem hwee ase no.Wɔteɛɛ mu se, “Munnwiriw,munnwiriw ngu fam nkɔka ne fapem!”

AKCB: 8AKCB

Ɔbabea Babilonia, wɔadome wo akɔ ɔsɛe mu,nea otua wo ka bio ani gyewɔ nea wode ayɛ yɛn no ho.

AKCB: 9AKCB

Nea ɔkyere wo nkokoaade wɔn dwiradwira abotan no ani gye.