Skip to main content

Scripture

Nnwom 136

AKCBBiblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 136 Bible text

AKCB: 1AKCB

Monna Awurade ase na oye.Nʼadɔe wɔ hɔ daa.

AKCB: 2AKCB

Monna anyame mu Nyankopɔn no ase.Nʼadɔe wɔ hɔ daa.

AKCB: 3AKCB

Monna awuranom mu Awurade no ase.Nʼadɔe wɔ hɔ daa.

AKCB: 4AKCB

Ɔno nko ara na ɔyɛ anwonwade akɛse.Nʼadɔe wɔ hɔ daa.

AKCB: 5AKCB

Ɔno na ofi ne ntease mu bɔɔ ɔsoro.Nʼadɔe wɔ hɔ daa.

AKCB: 6AKCB

Ɔno na ɔtrɛw asase mu de kataa nsu so.Nʼadɔe wɔ hɔ daa.

AKCB: 7AKCB

Ɔno na ɔbɔɔ akanea akɛse no.Nʼadɔe wɔ hɔ daa.

AKCB: 8AKCB

Ɔbɔɔ owia sɛ enni adekyee so.Nʼadɔe wɔ hɔ daa;

AKCB: 9AKCB

Ɔbɔɔ sram ne nsoromma sɛ wonni adesae so no.Nʼadɔe wɔ hɔ daa.

AKCB: 10AKCB

Ɔno na okunkum Misraimfo mmakan,Nʼadɔe wɔ hɔ daa.

AKCB: 11AKCB

na oyii Israelfo fii wɔn mu no.Nʼadɔe wɔ hɔ daa.

AKCB: 12AKCB

Ɔde nsa kɛse ne basa a wateɛ mu.Nʼadɔe wɔ hɔ daa.

AKCB: 13AKCB

Ɔno na ɔpaee Po Kɔkɔɔ no mu no,Nʼadɔe wɔ hɔ daa.

AKCB: 14AKCB

na ɔde Israelfo faa mfimfini no.Nʼadɔe wɔ hɔ daa.

AKCB: 15AKCB

Nanso ɔpraa Farao ne nʼasraafo guu Po Kɔkɔɔ mu no.Nʼadɔe wɔ hɔ daa.

AKCB: 16AKCB

Ɔno na odii ne nkurɔfo anim wɔ sare no so.Nʼadɔe wɔ hɔ daa.

AKCB: 17AKCB

Ɔno na okum ahemfo akɛse no,Nʼadɔe wɔ hɔ daa.

AKCB: 18AKCB

na okum ahemfo akunini no.Nʼadɔe wɔ hɔ daa.

AKCB: 19AKCB

Okum Amorifo hene, Sihon,Nʼadɔe wɔ hɔ daa.

AKCB: 20AKCB

ne Basanhene, Og.Nʼadɔe wɔ hɔ daa.

AKCB: 21AKCB

Na ɔde wɔn nsase maa sɛ agyapade.Nʼadɔe wɔ hɔ daa.

AKCB: 22AKCB

Ɔde maa ne somfo Israel sɛ agyapade.Nʼadɔe wɔ hɔ daa.

AKCB: 23AKCB

Ɔkaee yɛn, yɛn mmerɛwyɛ mu.Nʼadɔe wɔ hɔ daa.

AKCB: 24AKCB

Na ogyee yɛn fii yɛn atamfo nsam.Nʼadɔe wɔ hɔ daa.

AKCB: 25AKCB

Ɔno na ɔma abɔde biara aduan.Nʼadɔe wɔ hɔ daa.

AKCB: 26AKCB

Monna ɔsorosoro Nyankopɔn no ase.Nʼadɔe wɔ hɔ daa.